[1] Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ serɛ so.
[2] Saa berɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Hana ne Kaifa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.
[3] Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra afiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
[4] Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Nne bi team serɛ so sɛ, ‘Monsiesie kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene.
[5] Mmepɔ bɛdwiri, abɔn nyinaa bɛyɛ ma. Deɛ akyea bɛtene; akwammɔne bɛyɛ akwan pa.
[6] Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ”
[7] Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho?
[8] Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.
[9] Sɛ moammu ɔbra pa a, ɛnneɛ na mote sɛ dua a ɛnso aba a wɔde abonnua ato aseɛ rebɛtwa atwene, ahye no no.”
[10] Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
[11] Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”
[12] Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ deɛn?”
[13] Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.”
[14] Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ deɛn?” Yohane buaa wɔn sɛ, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”
[15] Ɛsiane sɛ saa berɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
[16] Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekuta. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne egya na ɛbɛbɔ mo asu.
[17] Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde egya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”
[18] Ɔnam afotuo hodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
[19] Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Horodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho.
[20] Yei maa Herode de Yohane too afiase.
[21] Berɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.
[22] Honhom Kronkron sianee te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi soro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
[23] Yesu fitii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef papa ne Eli.
[24] Eli papa ne Mattat; Mattat papa ne Lewi; Lewi papa ne Melki; Melki papa ne Yanai; Yanai papa ne Yosef;
[25] Yosef papa ne Matatia; Matatia papa ne Amos; Amos papa ne Nahum; Nahum papa ne Hesli; Hesli papa ne Nagai;
[26] Nagai papa ne Mahat; Mahat papa ne Matatia; Matatia papa ne Semein; Semein papa ne Yosek; Yosek papa ne Yoda;
[27] Yoda papa ne Yohanan; Yohanan papa ne Resa; Resa papa ne Sorobabel; Sorobabel papa ne Sealtiel; Sealtiel papa ne Neri;
[28] Neri papa ne Melki; Melki papa ne Adi; Adi papa ne Kosam; Kosam papa ne Elmadam; Elmadam papa ne Er;
[29] Er papa ne Yosua; Yosua papa ne Elieser; Elieser papa ne Yorim; Yorim papa ne Matat; Matat papa ne Lewi;
[30] Lewi papa ne Simeon; Simeon papa ne Yuda; Yuda papa ne Yosef; Yosef papa ne Yonam; Yonam papa ne Eliakim;
[31] Eliakim papa ne Melea; Melea papa ne Mena; Mena papa ne Matata; Matata papa ne Natan; Natan papa ne Dawid;
[32] Dawid papa ne Yisai; Yisai papa ne Obed; Obed papa ne Boas; Boas papa ne Sala; Sala papa ne Nahson;
[33] Nahson papa ne Aminadab; Aminadab papa ne Admin; Admin papa ne Arni; Arni papa ne Herson; Herson papa ne Peres; Peres papa ne Yuda;
[34] Yuda papa ne Yakob; Yakob papa ne Isak; Isak papa ne Abraham; Abraham papa ne Tera; Tera papa ne Nahor;
[35] Nahor papa ne Serug; Serug papa ne Reu; Reu papa ne Peleg; Peleg papa ne Eber; Eber papa ne Sala;
[36] Sala papa ne Kainan; Kainan papa ne Arfaksad; Arfaksad papa ne Sem; Sem papa ne Noa; Noa papa ne Lamek;
[37] Lamek papa ne Metusala; Metusala papa ne Henok; Henok ne Yared; Yared papa ne Mahaleleel; Mahaleleel papa ne Kainan;
[38] Kainan papa ne Enos; Enos papa ne Set; Set papa ne Adam; Adam papa ne Onyankopɔn.