Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:02

[1] Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔka no ho.

[2] Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahunta no nso bɛpue.

[3] Enti, deɛ moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na deɛ moaka no asomsɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro.

[4] “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum nipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no.

[5] Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, oyi na monsuro no.

[6] “Wɔntɔn mmuruburo num nnye sidi mmienu? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da.

[7] Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene mmuruburo dodo biara.

[8] “Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.

[9] Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim.

[10] Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da.

[11] “Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho,

[12] Ɛfiri sɛ, saa berɛ no ara mu Honhom Kronkrom no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.”

[13] Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn papa de agya yɛn no mu.”

[14] Yesu buaa no sɛ, “Damfo, hwan na ɔyɛɛ me ɔtɛmmufoɔ ne mo adekyɛfoɔ sɛ memmɛkyɛ mo agyapadeɛ mu mma mo.”

[15] Ɔtoaa so sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so.”

[16] Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii.

[17] Ɛsiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so nti, ɛyɛɛ no dadwene maa ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’

[18] Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɔ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ.

[19] Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nnoɔma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’

[20] “Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbegye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nnoɔma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode begya no?’

[21] “Ɛno nti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.”

[22] Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdi anaa mo nipadua ho sɛ deɛn na mobɛfira.

[23] Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma.

[24] Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa?

[25] “Monnnwennwene mo nkwa ho. Mo mu hwan na ɔbɛtumi de da koro ato ne nna so?

[26] Na sɛ montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte seyie mpo a, adɛn na modwennwene nnoɔma akɛseɛ ho?

[27] “Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɔ adwuma, ɛnna wɔnnwene ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo.

[28] Mo a mo gyidie hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ.

[29] Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho.

[30] Saa nnoɔma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo.

[31] Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo.

[32] “Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.

[33] Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ soro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ soro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na mfɔteɛ ntumi nkɔwe

[34] Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.”

[35] “Monnyina pintinn na momma mo akanea nhyerɛn,

[36] na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ pono mu pɛ a, wɔbɛbue no ntɛm no.

[37] Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn pono na ɔno ankasa asom wɔn.

[38] Sɛ ɔba dasum anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no, ani bɛgye.

[39] “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ, sɛ efiewura nim berɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho kwan ammɛbɔ no korɔno.

[40] Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a ɔbɛba.”

[41] Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”

[42] Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne fie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu.

[43] Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɔ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.

[44] Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa.

[45] “Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno nti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsa bo a,

[46] ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.

[47] Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii.

[48] “Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.”

[49] “Maba sɛ merebɛsɔ egya wɔ asase so na sɛ asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no.

[50] Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa.

[51] “Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu.

[52] Ɛfiri nnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me.

[53] Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɛna ne ne babaaa renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.”

[54] Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ’! Na osuo tɔ ampa.

[55] “Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafo reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa.

[56] Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ wiem nsakraeɛ ase, nanso nnoɔma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhu.

[57] Adɛn nti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ?

[58] “Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiiɛ amma ɔtɛmmufoɔ amfa wo anto afiase.

[59] Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”

Luka Asɛmpa No — Chapters