Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:36

[1] Da bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no,

[2] ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ togyeni panin sane yɛ osikani nso.

[3] Berɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no.

[4] Ɛsiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

[5] Berɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.”

[6] Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.

[7] Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.”

[8] Berɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”

[9] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, oyi nso yɛ Abraham ba.

[10] Na mebaeɛ sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”

[11] Berɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahenni no abɛn.

[12] Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no hene.

[13] Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɔfoɔ mu du maa wɔn mu biara sidi ɔpedu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɔ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’

[14] Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no.

[15] “Nanso, wɔsii no hene maa ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɔ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɔfoɔ du no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no.

[16] “Odwumayɔfoɔ a ɔdii kan baeɛ no bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika sidi ɔpedu no, mede ayɔ adwuma anya ho mmɔho du.’

[17] “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa, ɛsiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokorɛ nti, mede nkuro du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’

[18] “Odwumayɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no baeɛ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika sidi ɔpedu no, mede ayɔ adwuma anya ho mmɔho num.’

[19] “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mede nkuro num bɛhyɛ wʼase na woadi so.’

[20] “Ɔfoforɔ nso bɛkaa sɛ, ‘Me wura wo sika sidi ɔpedu a wode maa me no, mede sieeɛ, ɛni.

[21] Na mesuro sɛ mfasoɔ a mɛnya no, wobɛsisi me agye, ɛfiri sɛ, wo tirim yɛ den. Nea ɛnyɛ wo de, wugye; deɛ wunnuae nso, wutwa’.

[22] Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me tirim yɛ den. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa.

[23] Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebaeɛ yi mɛnya ho nsiho.’

[24] “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a na wɔgyina hɔ no sɛ ‘Monnye sika no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔde ne deɛ yɔɔ adwuma nyaa mmɔho du no.’

[25] “Asomfoɔ no kaa sɛ, ‘Yɛn wura, sɛ oyi deɛ ɔwɔ sika pii!’

[26] Owura no kaa sɛ, ‘Deɛ moreka no yɛ nokorɛ. Nanso, merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔwɔ kakraa bi no, deɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam.

[27] Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ medi adeɛ no mmra mʼanim ha na monkum wɔn!’ ”

[28] Yesu kaa nsɛm yi wieɛɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no kan kɔɔ Yerusalem.

[29] Ɔrebɛn Belfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ no no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,

[30] “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me!

[31] Sɛ obi bisa sɛ, ‘Adɛn nti na moresane no’ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ne ho hia Awurade.’ ”

[32] Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no.

[33] Berɛ a wɔresane afunumu ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na moresane aboa no?”

[34] Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.”

[35] Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so maa ɔtenaa ne so.

[36] Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so maa ɔfaa so.

[37] Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ,

[38] “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no! Asomdwoeɛ ne animuoayam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro dohoa!”

[39] Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!”

[40] Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”

[41] Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ,

[42] “Mo a anka asomdwoeɛ yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyi kwan, nanso mo nsa renka da!

[43] Nna bi bɛba a mo atamfoɔ bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ,

[44] atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”

[45] Yesu duruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi dwa wɔ hɔ no kaa sɛ,

[46] “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Mʼasɔredan yɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfoɔ ahyiaeɛ!’ ”

[47] Saa berɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akye no, aku no.

[48] Nanso, na wɔnhunu ɛkwan biara a wɔbɛfa so akye no, ɛfiri sɛ, berɛ nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.

Luka Asɛmpa No — Chapters