[1] Kwasiada anɔpahema, mmaa no de nnuhwam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so.
[2] Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ.
[3] Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ.
[4] Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn.
[5] Mmaa yi koma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu?
[6] Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo berɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ,
[7] ‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’ ”
[8] Mmaa no kaee asɛm no no,
[9] wɔde ahoɔherɛ firii ɔboda no so bɛkaa deɛ wɔhunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa.
[10] Mmaa a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo maame Maria ne afoforɔ bi.
[11] Wɔn nsɛm a wɔbɛkaeɛ no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti, wɔannye anni.
[12] Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni deɛ, nanso Petro deɛ, ɔtuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, koto hwɛɛ mu, hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsane baa fie a na ɔnte deɛ ohunuiɛ no ase.
[13] Da no ara asuafoɔ no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin nson.
[14] Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi.
[15] Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ.
[16] Wɔhunuu sɛ obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.
[17] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?”
[18] Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no sɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?”
[19] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasaretni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɔeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,
[20] ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho.
[21] Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ.
[22] Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔtuaa nhema kɔɔ ɔboda no so,
[23] nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase.
[24] Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.”
[25] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adweneherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi.
[26] Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?”
[27] Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase.
[28] Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so.
[29] Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, na adeɛ reyɛ asa nti, ɔsanee ne wɔn kɔɔ fie.
[30] Berɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn.
[31] Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ.
[32] Na afei, wɔsesesesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn berɛ a na wɔnam kwan so no si fa kaa wɔn koma no.
[33] Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia.
[34] Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, “Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”
[35] Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amanneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno kɔsii berɛ a ɔbubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.
[36] Wɔgu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bɛpuee hɔ, kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!”
[37] Wɔn nyinaa bobɔɔ binim, suroeɛ ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman.
[38] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo koma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a?
[39] Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.”
[40] Ɔkasa wieeɛ no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
[41] Anigyetrasoɔ ne ahodwirie nti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mowɔ biribi wɔ ha a mobɛdi anaa?”
[42] Wɔmaa no otidie sini bi a wɔatoto
[43] ma ɔgye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
[44] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na me ne mo wɔ hɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ nwoma ne Nnwom mu no ba mu.”
[45] Afei, ɔbuee wɔn adwene mu maa wɔtee Atwerɛsɛm a ɛfa ne ho no ase.
[46] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane na ɔwu na ne nnansa so, wasɔre afiri awufoɔ mu.
[47] Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.
[48] Mone yeinom nyinaa ho adansefoɔ.
[49] “Mɛsoma Honhom Kronkron no na aba mo so sɛdeɛ mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri soro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
[50] Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
[51] Ɔgu so rehyira wɔn no wɔmaa no so kɔɔ soro.
[52] Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem.
[53] Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.