Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:50

[1] Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no sɛ,

[2] “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nnoɔma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?”

[3] Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.

[4] Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?”

[5] Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn nti na moannye no anni?’

[6] Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”

[7] Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.”

[8] Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ.”

[9] Yesu buu wɔn bɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi yɔɔ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa hɔ kyɛree.

[10] Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne somfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, maa ɔsane kɔɔ nsapan.

[11] Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, maa ɔkɔɔ nsapan.

[12] Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no.

[13] “Yei maa bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɔ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.’

[14] “Nanso, berɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no ni, momma yɛnku no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no.’

[15] Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkum no. Mogye di sɛ ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi?

[16] Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.” Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!”

[17] Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn?

[18] Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.”

[19] Ɛsiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akye no saa berɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wɔsuro.

[20] Ɛsiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akye no na wɔde no akɔ aban mu.

[21] Saa nnipa yi bisaa Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.

[22] Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?”

[23] Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,

[24] “Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ Kaesare dea.”

[25] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”

[26] Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.

[27] Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,

[28] “Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no.

[29] Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na owuiɛ.

[30] Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ.

[31] Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo na wɔwuwuiɛ.

[32] Akyire yi ɔbaa no nso wuiɛ.

[33] Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?”

[34] Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho.

[35] Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn.

[36] Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Ɛsiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.

[37] “Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose maa yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wura a na ɛredɛre no ho no ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din.

[38] Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Nyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a enni awieiɛ.”

[39] Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.”

[40] Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

[41] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?”

[42] Ɛfiri sɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ. ‘Tena me nifa so

[43] kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.’

[44] Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba ne ne Nyankopɔn?”

[45] Berɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,

[46] “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Berɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea.

[47] Wɔbɔ mpaeɛ atenten ma nnipa hunu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei nti wɔbɛnya asotwe a ɛmu yɛ duro.”

Luka Asɛmpa No — Chapters