[1] Da bi togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii baa Yesu nkyɛn bɛtiee no,
[2] Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.”
[3] Saa asɛm a wɔkaeɛ no maa ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ,
[4] “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini serɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhu no?
[5] Na sɛ ɔhu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba.
[6] Na sɛ ɔduru fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahu me dwan a ɔyeraeɛ no.
[7] “Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako sakra nʼadwene a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no.
[8] “Anaasɛ ɔbaa bɛn na sɛ ne sika mpɔ du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛhu
[9] Na sɛ ɔhunu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, mahu me sika mpɔ a ɛyeraeɛ no’
[10] Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.”
[11] Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu.
[12] Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ ne papa no sɛ, ‘Me papa, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.
[13] “Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa.
[14] Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no.
[15] Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kurommani bi a, ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so.
[16] Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.
[17] “Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ me papa fie didi, mee ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm reku me yi!
[18] Mɛsɔre makɔ me papa nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, “Papa, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne,
[19] na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.” ’
[20] “Ɔsiim sɛ ɔresane aba ne papa nkyɛn. Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, ne papa no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.
[21] “Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ ne papa no sɛ, ‘Papa, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
[22] “Nʼano ansi koraa na ne papa no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.
[23] Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani,
[24] ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔfitii aseɛ gyee wɔn ani.
[25] “Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ fie hɔ.
[26] Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ fie hɔ.
[27] Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wo papa akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
[28] “Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. Ne papa tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no.
[29] Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Papa, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani.
[30] Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
[31] “Ne papa buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea.
[32] Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ ”