Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:50

[1] Da bi na Yesu rebɔ mpaeɛ wɔ baabi. Ɔwieeɛ no, nʼasuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane kyerɛɛ nʼasuafoɔ mpaebɔ no.”

[2] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “Agya, wo din ho nte. Wʼahennie mmra.

[3] Ma yɛn yɛn ano aduane daa.

[4] Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.”

[5] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasuom akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Me nua, fɛm me aduane kakra,

[6] ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’

[7] na ɔbɛma no mmuaeɛ afiri ne dan mu sɛ, ‘Nha me! Mato me pono mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’

[8] “Mereka akyerɛ mo sɛ, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso, ɛsiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti, ɛbɛma wasɔre ama no deɛ ɛhia no no nyinaa.

[9] Ɛno nti mereka akyerɛ mo sɛ; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mobɛhu; mompem na wɔbɛbue mo.

[10] Na obiara a ɔbisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.

[11] “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɛboɔ,

[12] anaasɛ ɔbisa no otidie a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no akakantwerɛ?

[13] Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!”

[14] Berɛ bi Yesu tuu hohommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Hohommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ maa ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiri.

[15] Nanso, ebinom kaa sɛ, “Ɔnam ahohommɔne panin Beelsebul tumi so na ɛtu ahohommɔne.”

[16] Afoforɔ nso pɛɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.

[17] Nanso, ɔhunuu wɔn adwene maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Kuro biara a ɛmu akyekyɛ no dane amamfo. Saa ara nso na efie biara a ɛmu kyekyɛ no guo.

[18] Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Deɛ enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, mose menam Beelsebul tumi so na metu ahohommɔne.

[19] Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahohommɔne a hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahohommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn.

[20] Nanso, sɛ menam Onyankopɔn tumi so na ɛtu hohommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahennie no aba mo so.

[21] “Sɛ ɔhoɔdenfoɔ de akodeɛ wɛn ne fie a, obiara rentumi nkɔwia nʼagyapadeɛ;

[22] nanso, sɛ deɛ ne ho yɛ den na ɔwɔ akodeɛ pa sene no kɔ ne so a, ɔdi ne so nkonim, gye nʼakodeɛ a ɔde ne ho too so no, sesa nʼagyapadeɛ no nyinaa kɔ.

[23] “Obiara a ɔnni mʼafa no tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.

[24] “Sɛ wɔtu hohommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsan makɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’

[25] Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.

[26] Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahohommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.”

[27] Yesu gu so rekasa no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu kaa sɛ, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufuɔ a wonumuu ano!”

[28] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom deɛ, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”

[29] Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahunu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no.

[30] Na sɛdeɛ Yona yɔeɛ no yɛɛ nsɛnkyerɛnne mma Niniwefoɔ a, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ma nnɛmma yi.

[31] Atɛmmu da no, Shebahemmaa ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano dohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.

[32] “Atɛmmuda no, Niniwe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, ɛfiri sɛ, berɛ a Yona kaa asɛmpa no wɔsakraa wɔn adwene. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

[33] “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa.

[34] Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ, wʼani yɛ a, na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo nipadua no dane sum tumm.

[35] Enti hwɛ yie na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum.

[36] Sɛ wo nipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, nipadua no bɛhyerɛn sɛdeɛ kanea hyerɛn gu wo so.”

[37] Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi hyiaa no adidie enti ɔkɔeɛ sɛ ɔne no rekɔdidi.

[38] Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.

[39] Yesu hunuu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no sɛ, “Mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro nkukuo ne nwowaa ho, nanso efi, anibereɛ ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ!

[40] Adwenemherɛfoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɔɔ akyire no ara na ɔyɔɔ ɛmu nso?

[41] Monyɛ ahiafoɔ adɔeɛ na biribiara ho bɛte ama mo.

[42] “Mo Farisifoɔ, monnue! Moma mo nnɔbaeɛ so ntotosoɔ du du, nanso mototo adeteneneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ badwa mu a, mopɛ sɛ nnipa hu mo kyea mo.

[43] “Mo Farisifoɔ, monnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ.

[44] Monnue! Ɛfiri sɛ, mote sɛ adamena a ɛso asram na nnipa nante so a wɔnnim sɛ wɔnam adamena so.”

[45] Mmaranimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”

[46] Yesu buaa no sɛ, “Mo mmaranimfoɔ nso, monnue! Mohyɛ nnipa ma wɔdi mmara so pɛpɛɛpɛ, nanso mo deɛ, monni so sɛ sɛdeɛ ɛsɛ.

[47] Monnue! Ɛfiri sɛ, moatoto adiyifoɔ a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no ada so.

[48] Mo nneyɛɔe yi di adanseɛ sɛ mopene deɛ mo agyanom yɔeɛ no so. Nʼasekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkum adiyifoɔ no na mo nso mototoo wɔn ada so maa wɔn.

[49] Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’

[50] “Mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ no mogya a wɔka gu firi wiase mfitiaseɛ no,

[51] ɛfiri Habel kum so kɔsi Sakaria a, wɔkum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wɔbɛbisa ɛho asɛm afiri mo nkyɛn.

[52] “Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hunta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.”

[53] Ɔfiri Farisini no fie hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ no dii nʼakyi de nsɛmmisa dwanee ne ho,

[54] pɛɛ sɛ ɔka biribi a wɔbɛgyina so anya no akye no.

Luka Asɛmpa No — Chapters