[1] Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛse regu afɔdeɛ adaka no mu.
[2] Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔdeɛ adaka no mu.
[3] Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafo hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛse a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa
[4] Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.”
[5] Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinnie ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ,
[6] “Berɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nnoɔma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
[7] Wɔbisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ sɛn?”
[8] Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na berɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nnni!
[9] Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnoɔma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.”
[10] Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so.
[11] Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nnoɔma a ɛyɛ hu bɛfiri wiem asisi.
[12] “Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim.
[13] Yei bɛma moanya kwan adi me ho adanseɛ.
[14] Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;
[15] Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim.
[16] “Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi,
[17] Na me nti, nnipa bɛtan mo.
[18] Nanso, mo tirinwi baako pɛ mpo renyera.
[19] Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”
[20] “Sɛ mohunu sɛ asraafoɔ atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛeɛ abɛn.
[21] Saa berɛ no wɔn a wɔte Yudea nnwane nkɔ mmepɔ no so; wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nnwane mfiri mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfuom no ntena hɔ ara.
[22] Saa berɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu.
[23] Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma mma nufuɔ no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so.
[24] Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnomum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akɔsi berɛ a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no bɛtwam.”
[25] “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so.
[26] Ɛsiane nnoɔma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ bera na abɔdeɛ a ɛwɔ wiem nso awoso ahoɔden so.
[27] Saa berɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.
[28] Sɛ saa asɛm yi firi aseɛ sisi a, momfa gyidie nnyina pintinn, ɛfiri sɛ, na mo nkwagyeberɛ abɛn.”
[29] Yesu buu wɔn bɛ bi sɛ, “Monhwɛ nnuaba ne nnua afoforɔ bi,
[30] sɛ ɛyiyi nhaban foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔberɛ adu.
[31] Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnne a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.
[32] “Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nsɛm yi nyinaa bɛba mu ansa na saa berɛ yi sofoɔ awuwu.
[33] Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
[34] “Monhwɛ mo ho so yie! Mommma adiditrasoɔ ne asaboro ne asetena mu dadwene nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no bɛfiri mo aworaw.
[35] Ɛfiri sɛ, me ba a mɛba no bɛfiri nnipa a wɔte asase so nyinaa aworaw.
[36] Monwɛn. Berɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nnoɔma yi nyinaa ano na mesane ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”
[37] Da biara na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ ma nnipa pii sɔre anɔpahema kɔtie no.
[38] Na sɛ ɛduru anwummerɛ biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔ no so kɔhome.