[1] Da bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue.
[2] Ɛyɛ ma saa onipa no sɛ wɔde ɛboɔ a ɛmu yɛ duro bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene po mu sene sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako huntidua ama wayɛ bɔne.
[3] Enti, monhwɛ mo ho so yie. Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ ɔnu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no.
[4] Sɛ nso ɔfom wo mprɛ nson da koro na mprɛ dodoɔ a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.”
[5] Da bi, asomafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, hyɛ yɛn gyidie mu den.”
[6] Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie te sɛ onyina aba a, anka mobɛtumi aka akyerɛ akyee yi sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.
[7] Mo mu hwan na ɔwɔ ɔsomfoɔ a ɔyɔ nʼafuom adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ɔfiri afuom ba a, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wʼaduane si hɔ na kɔdidi?’
[8] Na mmom ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Noa aduane ma me na sɛ modidi wie a, wo nso woakɔdidi?’
[9] Sɛ ɔsomfoɔ yi yɛ nʼasɛdeɛ yi a, ne wura no bɛda no ase anaa?
[10] Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ moka sɛ, ‘Yɛyɛ asomfoɔ a ayeyie mfata yɛn, yɛn asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɔ na yɛayɔ no.’ ”
[11] Berɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so.
[12] Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ du bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no
[13] teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ.”
[14] Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Berɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
[15] Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!”
[16] Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
[17] Yesu bisaa sɛ, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he?
[18] Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?”
[19] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.”
[20] Da bi Farisifoɔ bi bisaa Yesu sɛ, “Berɛ bɛn na Onyankopɔn Ahennie no bɛba?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mobɛhunu so na ɛbɛba,
[21] na obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!’ Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no te mo mu.”
[22] Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina sɛ mobɛhu me berɛ tiawa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me.
[23] Sɛ nnipa ka kyerɛ mo sɛ mewɔ ha anaa baabi foforɔ a, monnni wɔn akyi.
[24] Sɛdeɛ anyinam pa gya wɔ wiem ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsane aba no bɛyɛ.
[25] Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mehunu amane na me nkurɔfoɔ nso po me.
[26] “Sɛdeɛ Noa berɛ so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a, ɛbɛyɛ no no.
[27] Saa berɛ no, nnipa didi, nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ ɛhyɛn no mu na nsuyire bɛfaa saa nnipa no nyinaa.
[28] “Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi, nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan,
[29] kɔsii sɛ Lot firiii Sodom na egya ne sɔfere firi soro bɛhyee saa nnipa no nyinaa.
[30] Saa ara nso na da a mɛsane aba no, ɛbɛyɛ.
[31] “Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahodeɛ.
[32] Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.
[33] Obiara a ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ ɔbɛhwere ne kra no, bɛnya.
[34] Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agya ɔbaako.
[35] Saa ara nso na wɔbɛfa mmaa baanu a wɔrenoa aduane no mu baako agya ɔbaako.
[36] Mmarima baanu a wɔreyɔ adwuma wɔ afuom no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako.”
[37] Asuafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!”