[1] Saa berɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa.
[2] Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi kan a wɔkanee wɔ Kireneo a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so.
[3] Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din.
[4] Ɛsiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no nti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
[5] Ɔne ne yere Maria a saa berɛ no na wafa afuro no na wɔkɔeɛ.
[6] Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria,
[7] na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
[8] Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ serɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan.
[9] Mpofirem, ɔsoro bɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ maa wɔn ho dwirii wɔn.
[10] Ɔsoro bɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa.
[11] Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom.
[12] Yei ne nsɛnkyerɛnne a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”
[13] Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayeyie dwom sɛ,
[14] “Animuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn, na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”
[15] Berɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
[16] Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu.
[17] Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no.
[18] Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn.
[19] Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwennwene ho.
[20] Nnwanhwɛfoɔ no kɔhuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ san wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
[21] Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro bɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wɔtwaa no twetia.
[22] Ɛberɛ duruu sɛ Yosef ne Maria kɔdwera wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa.
[23] Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.”
[24] Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ no nso, wɔde mmorɔnoma mma mmienu bɔɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.
[25] Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan.
[26] Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kɔsi sɛ ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no.
[27] Enti berɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu sɛ wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no,
[28] wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam sɛ,
[29] “Awurade, afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu
[30] ɛfiri sɛ, mʼani ahunu Agyenkwa
[31] a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.
[32] Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa na wahyɛ wo man Israel animuonyam!”
[33] Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ ne papa Yosef ne ne maame Maria nwanwa.
[34] Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina.
[35] Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apini wɔ wo mu.”
[36] Saa berɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ.
[37] Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe nan, na berɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaebɔ som Onyankopɔn.
[38] Saa berɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.
[39] Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea,
[40] Onyankopɔn hyiraa abɔfra no maa ɔnyinii honhom ne nimdeɛ mu.
[41] Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no.
[42] Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no, nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no.
[43] Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim.
[44] Wɔtwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔfitii aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn.
[45] Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.
[46] Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
[47] Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa.
[48] Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfinimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wo papa ahwehwɛ wo abrɛ.”
[49] Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya fie som no anaa?”
[50] Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.
[51] Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim.
[52] Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.