Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:14

[1] Da bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba.

[2] Yesu kaa sɛ, “Ɔtɛmmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a na ɔnsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara.

[3] Na ɔbaa kunafoɔ bi te saa kuro yi mu a, ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafoɔ yi kɔ ɔtɛmmufoɔ no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ ɔnni nʼasɛm no mma no.

[4] Mfitiaseɛ no, ɔtɛmmufoɔ no ammua no. Nanso, akyire yi ɔkaa sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara deɛ,

[5] nanso ɛsiane sɛ daa ɔbaa yi ha me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yie ama no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔremmɛha me bio!’ ”

[6] Awurade toaa so sɛ, “Moate asɛm a ɔtɛmmufoɔ yi a ɔntene no kaeɛ.

[7] Monnnye nnni sɛ Onyankopɔn bɛdi ama ne mma a daa wɔsu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa?

[8] Merema moate aseɛ sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛdeɛ ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa baahe na ɔbɛhu wɔn sɛ wɔwɔ ne mu gyidie?”

[9] Yesu sane buu bɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho sɛ ateneneefoɔ na ɛno nti wɔbu afoforɔ animtia no ho sɛ,

[10] “Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ togyeni.

[11] Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamammɔfoɔ ne saa togyeni a ɔgyina hɔ yi.

[12] Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu du mu baako de ma.’

[13] “Saa berɛ no na togyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ soro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’

[14] Mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ togyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

[15] Da bi, awofoɔ bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafoɔ no hunuu awofoɔ no no, wɔtramtram wɔn.

[16] Yesu frɛɛ mmɔfra no awofoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma mmɔfra nketewa no mmra me nkyɛn na monnsi wɔn kwan, na oyinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.

[17] Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn Ahennie no nni sɛ abɔfra ketewa no, renkɔ mu.”

[18] Da bi Yudani sikani bi bisaa Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɔ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

[19] Yesu buaa no sɛ, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye Onyankopɔn.

[20] “Wonim Mose mmara no: mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo na ni!”

[21] Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.”

[22] Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɔ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.”

[23] Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahodeɛ pii.

[24] Yesu hunuu sɛ ne werɛ ahoɔ no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ den ma ahonyafoɔ sɛ wɔbɛkɔ Onyakopɔn Ahennie no mu!

[25] Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ nantwie bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

[26] Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?”

[27] Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɔ.”

[28] Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.”

[29] Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no nti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma

[30] na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa berɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

[31] Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu.

[32] Wɔbɛyi no ama Amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, ayeya no, ate ntasuo agu ne so,

[33] aka no mpire, aku no na ne nnansa so no, wasɔre.”

[34] Asuafoɔ no ante deɛ Yesu kaaeɛ no biara ase, ɛfiri sɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so.

[35] Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirafoɔ bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

[36] Onifirafoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi.

[37] Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yesu Nasaretni no na ɔretwam!”

[38] Ɔtee saa no, ɔteateɛɛm sɛ, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

[39] Wɔn a wɔdi anim no tramtram no sɛ ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeeden sɛ, “Yesu Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

[40] Yesu duruu baabi a onifirafoɔ no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ,

[41] “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifirafoɔ no buaa sɛ, “Awurade, ma menhunu adeɛ.”

[42] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.”

[43] Amonom hɔ ara, onifirafoɔ yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

Luka Asɛmpa No — Chapters