[1] Saa berɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn maa wɔn mogya fraa afɔrebɔ no.
[2] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ saa Galileafoɔ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa nti na wɔkum wɔn no?
[3] Dabida, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wɔbɛkunkum mo saa ara.
[4] “Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no?
[5] Dabida, mo nso moansakra a, mobɛwuwu saa ara.”
[6] Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa akutuo wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi.
[7] Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfe mmiɛnsa ni, berɛ biara a mɛba sɛ merebɛte akutuo no bi no, mennya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’
[8] “Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ
[9] sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’ ”
[10] Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no,
[11] na ɔbaa bi wɔ hɔ a hohommɔne mu yadeɛ bi akye no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa.
[12] Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.”
[13] Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.
[14] Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɔ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ na ɛnyɛ homeda.”
[15] Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda?
[16] Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”
[17] Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.
[18] Afei, Yesu fitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ?
[19] Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.”
[20] Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ?
[21] Ɛte sɛ mmɔka bi a brodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”
[22] Berɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru hɔ.
[23] Ne nkyerɛkyerɛ no mu no obi bisaa no sɛ, “Awurade, nnipa kakraa bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?”
[24] Ɔbuaa no sɛ, “Mompere nhyɛn ɔpono teateawa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi.
[25] Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’
[26] “Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’
[27] “Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’
[28] “Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ.
[29] Nnipa firi wiase afanan nyinaa bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu hɔ ato nsa adidi.
[30] Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
[31] Saa berɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo aku wo.”
[32] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, metu ahohommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛdu Yerusalem.
[33] Nanso, ɛsɛ sɛ menantew ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!
[34] “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so.
[35] Na mo afie bɛdane afituo na morenhu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’ ”