Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:58

[1] Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.

[2] Wɔtwerɛ faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wɔhunuu saa nnoɔma yi firi mfitiaseɛ nam so daa no adi no ho.

[3] Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.

[4] Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu.

[5] Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ sɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.

[6] Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.

[7] Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini.

[8] Da bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɔ asɔredan mu adwuma no,

[9] wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔremuka no so.

[10] Saa berɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɔ no.

[11] Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so.

[12] Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ binim na ne ho popoeɛ.

[13] Nanso, ɔsoro bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.

[14] Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.

[15] Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam.

[16] Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

[17] Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.”

[18] Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akora na me yere nso abɔ aberewa.”

[19] Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.

[20] Ɛsiane sɛ woagye akyinnyeɛ nti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”

[21] Saa berɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa.

[22] Berɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɔeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.

[23] Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie.

[24] Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome num.

[25] Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.”

[26] Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase

[27] sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn.

[28] Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”

[29] Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa maa ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?”

[30] Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo.

[31] Tie! Ɛrenkyɛ biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.

[32] Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no.

[33] Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daa; na nʼahennie to rentwa da.”

[34] Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ berɛ a ɔbarima nhunuu me da?”

[35] Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei nti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.

[36] Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu.

[37] Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɔ.”

[38] Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenawa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɔ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.

[39] Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu.

[40] Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no.

[41] Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.

[42] Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ.

[43] Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade maame bɛba abɛsra me?

[44] Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho.

[45] Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɔ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”

[46] Maria kaa sɛ, “Me kra kamfo Awurade.

[47] Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu,

[48] ɛfiri sɛ, wahu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ, na ɛfiri nnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.

[49] Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Tumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;

[50] nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.

[51] “Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.

[52] Watu aberempɔn adeɛ so ama ahobrɛasefoɔ so.

[53] Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.

[54] Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ

[55] a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da!”

[56] Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.

[57] Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima.

[58] Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie.

[59] Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to ne papa Sakaria.

[60] Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

[61] Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”

[62] Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa ne papa din a wɔmfa nto abɔfra no.

[63] Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

[64] Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔfirii aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ.

[65] Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.

[66] Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

[67] Honhom hyɛɛ ne papa Sakaria ma maa ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,

[68] “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.

[69] Ɔde Agyenkwa Tumfoɔ a ɔyɛ ne somfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,

[70] sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ

[71] sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.

[72] “Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no aba mu na waka e nʼapam kronkron no,

[73] na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;

[74] sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.

[75] Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.

[76] “Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,

[77] na wobɛkyerɛ ne manfoɔ ɛkwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;

[78] na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,

[79] na ɛbɛma hann a efiri soro abɛpue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoeɛ mu.”

[80] Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa serɛ so kɔsii berɛ a ɔfitii nʼasɛnka adwuma ase.

Luka Asɛmpa No — Chapters