[1] Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɔ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo hodoɔ sɛ wɔnyɔ no bi.
[2] Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ.
[3] Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem.
[4] Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
[5] Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ.
[6] Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.
[7] Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ.
[8] Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no.
[9] Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.
[10] Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɔ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɔ yi ara.
[11] Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.
[12] Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya kwan deɛ a, ɔbɛba.
[13] Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden.
[14] Momfa ɔdɔ nyɔ mo nnwuma nyinaa.
[15] Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Kristofoɔ kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɔfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom,
[16] sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi.
[17] Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan
[18] na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
[19] Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.
[20] Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo. Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
[21] Me ara me nsa ano atwerɛ ni: Me Paulo, mekyea mo.
[22] Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
[23] Awurade Yesu adom mmra mo so.
[24] Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.