Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:54

[1] Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfoɔ atɛmmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn berɛ a anka ɛsɛ sɛ moma Onyankopɔn nkurɔfoɔ siesie mo ntam?

[2] Monnim sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ na wɔbɛbu wiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu wiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn?

[3] Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mprɛ ahe na yɛmmu asetena mu nnoɔma atɛn?

[4] Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie?

[5] Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm.

[6] Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so no, onua de onua kɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie di, bua asɛm no.

[7] Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no, kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom.

[8] Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo.

[9] Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamammɔfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da,

[10] anaa adifudipɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

[11] Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.

[12] Obi se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho kwan ma ɛmfa me akoa.

[13] Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea.

[14] Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu.

[15] Monnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo nipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman nipadua ho anaa? Dabida.

[16] Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne nipadua fa bi si adwamanfoɔ deɛ ananmu no nso bɛyɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua korɔ.”

[17] Nanso, onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako honhom mu.

[18] Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua.

[19] Monnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron no asɔredan a ɔte wo mu a Onyankopɔn na ɔde maa wo? Woyɛ Onyankopɔn dea;

[20] ɔtɔɔ wo boɔ bi. Enti fa wo nipadua no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

I Korintofoɔ — Chapters