[1] Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.
[2] Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, berɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so.
[3] Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn.
[4] Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase.
[5] Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam.
[6] Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Ɛsiane sɛ ɛyɛ animguase sɛ ɔbaa bɛyi ne trinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no nti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
[7] Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso
[8] na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu.
[9] Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa nti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima nti na wɔbɔɔ no.
[10] Ɛsiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no nti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase.
[11] Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nte ne baabi ɛnna ɔbarima nso nte ne baabi.
[12] Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn.
[13] Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa.
[14] Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no?
[15] Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ.
[16] Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni kwan foforɔ biara a wɔfa so som.
[17] Nhyehyɛɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom.
[18] Deɛ ɛdi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu.
[19] Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi.
[20] Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no.
[21] Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ berɛ a ɔkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsa.
[22] Mo ara monni afie a modidi, nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
[23] Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa brodo
[24] na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.”
[25] Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya asɔ ano. Berɛ biara a mobɛnom no, monkae me.”
[26] Berɛ biara a mobɛdi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.
[27] Ɛkyerɛ sɛ sɛ obi di Awurade brodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade nipadua ne ne mogya no ho fɔ.
[28] Enti ansa na obiara bɛdi brodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ.
[29] Na sɛ wammu Awurade Honhom no na ɔdi, nom firi kuruwa no mu a, ɔdi, nom de atɛmmuo ba nʼankasa so.
[30] Ɛno nti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no.
[31] Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yerɛnkɔ Onyankopɔn atɛmmuo mu.
[32] Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne wiase nyinaa fɔ.
[33] Ɛno nti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho.
[34] Sɛ ɔkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ fie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.