Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:43

[1] Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkyerɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegye anaa akasaa a ɛrewoso kɛkɛ.

[2] Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahuntasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee.

[3] Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me nipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.

[4] Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su;

[5] ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu;

[6] ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ.

[7] Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

[8] Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam.

[9] Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi;

[10] nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu.

[11] Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no.

[12] Deɛ yɛhu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.

[13] Na afei nnoɔma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.

I Korintofoɔ — Chapters