Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 8:14

[1] Nnansa yi, wɔkeka sɛ adwaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa ne papa yere.

[2] Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ ho wɔ ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu.

[3] Ɛwom, me deɛ, me ne mo ntam kwan ware nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ.

[4] Mohyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti,

[5] ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa.

[6] Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Monim sɛ, “Mmɔka kakraa bi na ɛma mmɔre no tu.”

[7] Ɛsɛ sɛ moyi saa bɔne mmɔka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforɔ a mmɔka nni mu sɛdeɛ menim mo sɛ mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Dwammaa no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so.

[8] Yei nti, mommma yɛmmfa mmɔka dada a ɛyɛ bɔne no nnni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa brodo a mmɔka nni mu na ɛyɛ kronn no na ɛnni afahyɛ no.

[9] Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa wɔ mu sɛ mommfa mo ho mmmɔ adwamanfoɔ ho.

[10] Menkyerɛ abosonsomfoɔ a wɔnyɛ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne wɔn bɔ a, na ɛsɛ sɛ wofiri wiase koraa.

[11] Deɛ mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho sɛ onua nanso ɔyɛ bɔne anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nnto nsa nnnidi.

[12] Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mobu wɔn atɛn?

[13] Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Monyi onipa bɔnefoɔ no mfiri mo mu.”

I Korintofoɔ — Chapters