Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:29

[1] Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu.

[2] Omununkum no ne Po no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ.

[3] Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane

[4] na wɔnom honhom fam anonnea. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa.

[5] Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ serɛ no so hɔ no.

[6] Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no,

[7] ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɔeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi, nomee na wɔsɔre saaeɛ.”

[8] Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɔeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no.

[9] Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɔeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no.

[10] Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɔeɛ maa ɔsɛe bɔfoɔ sɛee wɔn no.

[11] Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na berɛ no aba awieeɛ.

[12] Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.

[13] Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Ɛsiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.

[14] Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho.

[15] Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa.

[16] Sɛ yɛnom kuruwa a wahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo monya ayɔnkofa no anaa? Brodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo nipadua ayɔnko yɛ anaa?

[17] Ɛsiane sɛ brodo no yɛ baako na yɛn a yɛdi no wɔ honam korɔ mu nti, ɛwɔ mu sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.

[18] Monhwɛ Israelman; wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ɛne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ.

[19] Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi?

[20] Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahohommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahohommɔne.

[21] Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahohommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pono so na monsane nnidi wɔ ahohommɔne pono nso so.

[22] Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa?

[23] Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɔ biribiara a yɛyɔ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɔ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn.

[24] Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.

[25] Adwenemdahɔ nti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara.

[26] Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ a ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”

[27] Obi a ɔnyɛ gyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ nti, aduane a ɔde bɛma wo biara di a wommisa ho asɛm biara.

[28] Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no adwenemdahɔ nti, nni saa aduane no.

[29] Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn nti na obi adwene si mʼahofadie ho kwan?

[30] Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn nti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”

[31] Biribiara a mobɛyɔ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɔ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

[32] Monnyɛ biribiara mmfa nnha Yudafoɔ anaa Amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo.

[33] Monyɔ sɛdeɛ meyɔ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɔ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔbɛgye wɔn nkwa.

I Korintofoɔ — Chapters