Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:35

[1] Ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahuntasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa.

[2] Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahuntasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, ɔbɛdi ne wura no nokorɛ.

[3] Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn.

[4] Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn.

[5] Enti, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi sɛ berɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahunta wɔ sum mu no adi na wada deɛ ahunta wɔ nnipa koma mu no nso adi. Na nkamfoɔ a ɛsɛ sɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no.

[6] Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asua asɛm a ɛka sɛ, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta.

[7] Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?

[8] Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho.

[9] Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne wiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ.

[10] Kristo nti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo.

[11] Ɛbɛsi saa berɛ yi mu ɔkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena;

[12] yɛyɔ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano.

[13] Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de bɛsi nnɛ.

[14] Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ megu mo anim ase nti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ sɛ mekyerɛ mo kwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn.

[15] Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.

[16] Mesrɛ mo sɛ monsuasua me.

[17] Ɛnam yei so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.

[18] Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo.

[19] Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no.

[20] Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛm na ɛyɛ tumi.

[21] Ɛmu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn?

I Korintofoɔ — Chapters