[1] Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mogye too mu, nam so maa mo gyidie mu yɛɛ den no ho.
[2] Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mokuta Asɛmpa no mu denden a, mobɛnya nkwa, gye sɛ moannye anni.
[3] Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu sɛ,
[4] wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ, wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
[5] ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ dumienu no nyinaa.
[6] Afei, mpofirem, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifoɔ bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu.
[7] Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa.
[8] Akyire yi koraa, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.
[9] Meyɛ obi a mesua koraa wɔ asomafoɔ no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ ɛfiri sɛ, metaa Onyankopɔn asafo.
[10] Nanso, Onyankopɔn adom nti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɔ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼaboɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.
[11] Enti, sɛ ɛfiri me anaa ɛfiri wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mogye di.
[12] Afei, sɛdeɛ Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka sɛ wɔrentumi mma awufoɔ nsɔre?
[13] Sɛ saa yɛ nokorɛ deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu.
[14] Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi.
[15] Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atorɔ fa Onyankopɔn ho, ɛfiri sɛ, yɛka sɛ ɔno na ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu. Na sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, ɛneɛ na wɔamma Kristo nso ansɔre amfiri awufoɔ mu.
[16] Sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre.
[17] Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na mo gyidie no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu.
[18] Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wɔgye Kristo di a wɔawuwu no ayera.
[19] Na sɛ yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu no yɛ ma saa asetena yi nko ara a, ɛnneɛ na yɛyɛ mmɔbɔ sene obiara a ɔwɔ wiase ha.
[20] Nanso, nokorɛ a ɛwom ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owuo mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre.
[21] Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba.
[22] Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa.
[23] Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi kan, na sɛ Kristo ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no, adi hɔ.
[24] Afei sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, mpanimfoɔ ne tumidifoɔ a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no.
[25] Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo di hene kɔsi sɛ ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase.
[26] Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo.
[27] Sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔde nnoɔma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nnoɔma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase.
[28] Na sɛ wɔde nnoɔma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nnoɔma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.
[29] Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ wɔka sɛ, wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufoɔ din bɔ wɔn asu?
[30] Na adɛn na dɔnhwere biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu?
[31] Anuanom, dɔnhwere biara mehyia owuo. Ɛsiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu, na ɛma me ka yei.
[32] Modwene sɛ mfasoɔ bɛn na menyaa wɔ ɔko a me ne “Nkekaboa” koo wɔ Efeso no? Na sɛ wɔmma awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu” sɛdeɛ wɔka no.
[33] “Mommma wɔnnnaada mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.”
[34] Monyɛ mo asɛdeɛ na monnyae mo akwammɔne no. Meka yei de hyɛ mo aniwuo sɛ mo mu bi nnim Onyankopɔn.
[35] Obi bɛbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi ama awufoɔ asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ nipadua su bɛn?”
[36] Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ɛwu ansa na afifi.
[37] Na deɛ wodua wɔ fam no yɛ duaba kɛkɛ; ebia ɛyɛ ɛmo aba anaa duaba foforɔ a ɛnyɛ afifideɛ no ntutɛ a, ɛbɛnyini.
[38] Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no.
[39] Honam a ɛkata ateasefoɔ ho no nyinaa nyɛ honam korɔ. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn deɛ; nnomaa wɔ wɔn deɛ ɛnna nsuomnam nso wɔ wɔn deɛ.
[40] Ɔsoro nipadua wɔ hɔ ɛnna ɛfam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam nipadua.
[41] Owia wɔ nʼankasa nʼahoɔfɛ. Ɔsrane wɔ ne deɛ nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahodoɔ; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahodoɔ.
[42] Sɛ wɔma awufoɔ sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wɔsie nipadua no a, ɛporɔ; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔ.
[43] Sɛ wɔsie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛ, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na ɛnya ahoɔden.
[44] Sɛ wɔsie nipadua no a, ɛyɛ honam na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ.
[45] Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifoɔ no, wɔbɔɔ no sɛ onipa teasefoɔ”; nanso Adam a ɔtwa toɔ no yɛ Honhom a ɔma nkwa.
[46] Ɛnyɛ honhom mo ni na ɔbaa kane. Ɔbaa deɛ ɔkuta honam fam nipadua no akyi.
[47] Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a ɔdi kan no. Adam a ɔtɔ so mmienu no firi soro.
[48] Wɔn a wɔte asase so no te sɛ deɛ wɔde dɔteɛ bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ soro mma no te sɛ wɔn a wɔfiri soro.
[49] Sɛdeɛ yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔteɛ bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ɔfiri soro no.
[50] Anuanom, deɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, deɛ wɔde honam ne mogya ayɔ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu; na deɛ ɛporɔ no ntumi ntena hɔ.
[51] Montie saa ahuntasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso berɛ tiawa bi mu wɔbɛsakra yɛn nyinaa;
[52] sɛ torobɛnto a ɛtwa toɔ no bɔ a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibuɛ. Sɛ ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakra.
[53] Na deɛ ɛporɔ no de deɛ ɛmporɔ akata ne ho, na deɛ ɛwu no de deɛ ɛnwu akata ne ho.
[54] Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu sɛ, “Wɔasɛe owuo; nkonim aba!
[55] Owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?”
[56] Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu.
[57] Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
[58] Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Da biara monyɔ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɔ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.