[1] Saa krataa yi firi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn. Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa.
[2] Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
[3] Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ adom Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a mmoa nyinaa firi no no ase.
[4] Ɔboa yɛn wɔ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam mmoa a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi aboa afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no.
[5] Sɛdeɛ yɛwɔ Kristo amanehunu mu kyɛfa no, saa ara nso na yɛnya Kristo mmoa a ɛdɔɔso no.
[6] Mo awerɛkyekyerɛ ne mo nkwagyeɛ nti yɛhunu amane. Sɛdeɛ monya ntoboaseɛ hunu amane sɛ yɛn no, mo nso mobɛnya awerɛkyekyerɛ ɛfiri sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ.
[7] Enti, gyidie a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yɛnim sɛ, sɛdeɛ mo ne yɛn hunu amane no, saa ara nso na awerɛkyekyerɛ a yɛnya no, monya bi.
[8] Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na ɛmu yɛ duro enti yɛn asetena mu anidasoɔ nyinaa yeraeɛ.
[9] Nokorem yɛgye too mu sɛ yɛrebɛwu. Saa asɛm yi siiɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom, yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufoɔ sɔre no so.
[10] Wayi yɛn afiri saa owuo amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpaeɛ ma yɛn a,
[11] ɔbɛgye yɛn bio. Yei kyerɛ sɛ, ɔbɛbua mpaeɛ dodoɔ biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na dodoɔ no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.
[12] Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokorɛdie mu, ne titire ne berɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ firi Onyankopɔn adom no mu.
[13] Nsɛm a mobɛtumi akenkan, ate aseɛ nko na yɛtwerɛ de brɛ mo. Mewɔ anidasoɔ sɛ, mobɛte biribiara a
[14] monte aseɛ yie no ase daakye sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.
[15] Na menim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu.
[16] Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresane nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea.
[17] Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛsɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani?
[18] Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” berɛ biara, a ɛnyɛɛ “Dabi” da a, ɛso na megyina.
[19] Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no yɛ “Aane” berɛ biara. Ɔnyɛ “Dabi” da,
[20] na ɔno na ɔka “Aane” de ma Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa. Yei nti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
[21] Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn
[22] faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
[23] Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanseɛ. Ɔnim me koma mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛnya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no.
[24] Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, ɛfiri sɛ mogyina pintinn wɔ gyidie mu. Na mmom, mo ahotɔ nti na yɛne mo yɔ adwuma.