Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:39

[1] Afei, deɛ ɛfa nsɛm a motwerɛ de brɛɛ me no ho ni: Ɛyɛ sɛ ɔbarima nware.

[2] Nanso, ɛsiane adwamammɔ nti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu.

[3] Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛdeɛ sɛ okunu na ɔbaa nso yɛ nʼasɛdeɛ sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko.

[4] Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi.

[5] Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so berɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na sɛ mowie mpaebɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri sɛ, montumi nni mo ho so.

[6] Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho kwan.

[7] Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso, obiara wɔ ɔdomakyɛdeɛ sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Wei wɔ nʼakyɛdeɛ na ɔfoforɔ nso wɔ nʼakyɛdeɛ.

[8] Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafoɔ ne sɛ: Ɛbɛyɛ sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛdeɛ mete hɔ yi.

[9] Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ sɛ mobɛware sene sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ.

[10] Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn sɛ: Ɛnsɛ sɛ ɔbaa gyaa ne kunu.

[11] Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.

[12] Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo, ɛfiri mankasa, na ɛmfiri Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ okristoni na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no.

[13] Saa ara nso na sɛ okristoni baa wɔ okunu a ɔnyɛ okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbaa no gyaa no.

[14] Ɛsiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ okristoni de ne ho abɔ ɔbaa no nti, Onyankopɔn bɛgye no na ɔbaa a ɔnyɛ okristoni no nso, ɛsiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛte ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfoɔ mma nanso sɛdeɛ ɛte yi deɛ, wɔbɛyɛ kronn.

[15] Na sɛ nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ okristoni no pɛ sɛ ɔte ne ho firi okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoeɛ mu.

[16] Ɔyere a woyɛ okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?

[17] Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu.

[18] Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpopa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia.

[19] Ɛfiri sɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn mmara so.

[20] Sɛdeɛ obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara.

[21] Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ ɔsomfoɔ anaa? Mma ɛno nha wo na sɛ wowɔ ɛkwan bi a wobɛtumi afa so ade wo ho a, fa so.

[22] Ɛfiri sɛ, akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa.

[23] Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti, monnyɛ nkoa mma nnipa.

[24] Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.

[25] Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no ni: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu.

[26] Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene sɛ, ɛyɛ sɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara.

[27] Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere.

[28] Nanso, sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a, anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.

[29] Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, berɛ a aka sua. Ɛfiri saa berɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da;

[30] wɔn a wɔsu yɛ sɛdeɛ wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn a wɔsere yɛ sɛdeɛ wɔnni anigyeɛ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛdeɛ deɛ wɔtɔeɛ no nyɛ wɔn deɛ;

[31] wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛdeɛ wɔnhunuu bi da. Na sɛdeɛ wiase yi te seesei yi rentena saa nkyɛ.

[32] Mempɛ sɛ biribiara ha mo. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɔ; ɛfiri sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no;

[33] nanso ɔbarima warefoɔ de ne ho to wiase nnoɔma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani,

[34] enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to wiase nnoɔma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.

[35] Mereka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

[36] Ɔbarima ne ɔbaa a wɔahyehyɛ awadeɛ na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hunu sɛ ɔnyɛ nʼasɛdeɛ mma ɔbaa no nanso sɛ ɔntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti no ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛdeɛ ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni yei ho.

[37] Nanso, ɛyɛ mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware.

[38] Ɛyɛ sɛ ɔbarima ware deɛ, nanso sɛ anka wanware koraa na ɛyɛ.

[39] Sɛ ɔbaa warefoɔ kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu deɛ a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔfororɔ a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo awadeɛ.

[40] Na sɛ ɔtumi tena ase sɛdeɛ ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yie. Mʼadwene ni, na megye di sɛ me nso me wɔ Onyame Honhom.

I Korintofoɔ — Chapters