[1] Nokorɛm, anuanom, mantumi mankasa mankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ wiasefoɔ a wɔte sɛ mmɔfra a wɔwɔ Kristo mu gyidie.
[2] Memaa mo nufusuo. Mamma mo aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ mma mo. Na seesei ara mpo ɛnyɛ mma mo,
[3] ɛfiri sɛ, moda so te hɔ sɛ wiasefoɔ. Sɛ anibereɛ wɔ mo mu na motwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ wiasefoɔ a mote hɔ ma wiase?
[4] Sɛ obi ka sɛ, “Me deɛ, medi Paulo akyi” na ɔfoforɔ nso ka sɛ, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ wiasefoɔ anaa?
[5] Mebisa sɛ, Apolo yɛ hwan? Na Paulo nso yɛ hwan? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ kwa a ɛnam yɛn so na monya gyidie. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɔ no na yɛyɔ.
[6] Meduaa aba no na Apolo guguu so nsuo nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.
[7] Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.
[8] Nsonoeɛ biara nni onipa a ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara diiɛ so na wama wɔn so adeɛ.
[9] Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɔ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.
[10] Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so meyɛɛ ɔdansifoɔ pa adwuma. Metoo fapem ɛnna onipa foforɔ nso resi ato so. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɛkwan pa so si.
[11] Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɛdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforɔ biara bio.
[12] Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden aboɔ na ɛbɛsi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforɔ nso de nnua anaa serɛ anaa daha.
[13] Obiara dwuma a ɔdiiɛ no, ɛda no bɛda no adi; ɛda no gya no bɛda obiara adwuma adi. Egya no bɛsɔ, ahwɛ, ahunu dwuma ko no yɛ a ɛyɛ.
[14] Sɛdeɛ onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina egya no ano a ɛbɛnya akatua.
[15] Na sɛ obi adwuma hye wɔ egya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno deɛ, ɔbɛnya nkwa sɛ obi a wadwane afiri gyaframa mu.
[16] Nokorɛm, monim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu!
[17] Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron na mo na moyɛ nʼasɔredan no.
[18] Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafoɔ a, ɔbɛyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafoɔ.
[19] Ɛfiri sɛ, deɛ wiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.”
[20] Bio, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Anyansafoɔ adwene nka hwee.”
[21] Enti, ɛnsɛ sɛ obiara de deɛ onipa tumi yɔ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea.
[22] Paulo, Apolo ne Petro, saa wiase yi, nkwa ne owuo, ɛnnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea,
[23] na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.