Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:59

[1] Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ no rehwehwɛ no aku no,

[2] Berɛ a Yudafoɔ Asesebɔ Afahyɛ no reyɛ aduru no,

[3] Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnne a woyɛeɛ no.

[4] Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye din a, ɔmmfa ne nneyɔeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɔeɛ.”

[5] Na nankasa ne nuanom mpo nnye no nni.

[6] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, berɛ biara yɛ ma mo.

[7] Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.

[8] Mo deɛ, monni kan nkɔ afahyɛ no, na me deɛ, mennya nkɔeɛ, ɛfiri sɛ, me berɛ nnuruiɛ.”

[9] Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea.

[10] Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhu no.

[11] Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”

[12] Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforɔ nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafoɔ.”

[13] Yudafoɔ mpanin no ho hu nti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ badwa mu.

[14] Afahyɛ no mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

[15] Berɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ seyie?”

[16] Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no.

[17] Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa.

[18] Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.

[19] Mose amma mo mmara anaa? Nanso, mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ moku me?”

[20] Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama hohommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo aku wo?”

[21] Yesu buaa wɔn sɛ, “Anwanwadeɛ baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiri mo sɛyie yi.

[22] Ɛsiane sɛ Mose ka kyerɛɛ mo sɛ montwitwa mo mma twetia, natwetiatwa no mpo ɛnyɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara no na ɛyɛ mo nananom nti, motwa twetia homeda.

[23] Ɛsiane sɛ mompɛ sɛ mobu Mose mmara so nti na motwa twetia homeda a, adɛn nti na sɛ masa obi yadeɛ homeda a, ɛsɛ sɛ mo bo fu me?

[24] Mommmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a mohunu no yie ansa na moabu ho atɛn.”

[25] Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne deɛ wɔpɛ sɛ wɔku no no anaa?

[26] Ɔno na ɔrekasa badwa mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei deɛ mpanimfoɔ no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no.

[27] Yɛnimsɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri.”

[28] Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no denden sɛ, “Ɛwom sɛ monim me na monim faako nso a mefiri baeɛ, nanso, ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ, na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, nanso monnim no;

[29] na me deɛ, menim no ɛfiri sɛ, mefiri ne nkyɛn na mebaeɛ na ɔno na ɔsomaa me.”

[30] Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkye no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkye no no nnuruiɛ.

[31] Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?”

[32] Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra.

[33] Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.

[34] Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”

[35] Berɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn?

[36] Sɛ ɔka sɛ, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ sɛn?”

[37] Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.

[38] Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Obiara a ɔgye me di no, nsuo a ɛma nkwa bɛtene afiri ne mu.’ ”

[39] Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wɔgyee no diiɛ no nsa bɛka no ho. Saa berɛ no, na ɔnnya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn, ɛfiri sɛ, na wɔnnya mmaa ne so nkɔɔ soro, nhyɛɛ no animuonyam.

[40] Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!”

[41] Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no abɛfiri Galilea?

[42] Atwerɛwsɛm no anka sɛ, saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?”

[43] Yesu nti, nnipa no mu kyekyɛeɛ.

[44] Ebinom pɛɛ sɛ wɔkye no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.

[45] Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na moamfa no amma?”

[46] Asomfoɔ no buaa sɛ, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da.”

[47] Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no sɛ, “Mo nso wadaadaa mo anaa?

[48] Moahunu sɛ mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa?

[49] Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.”

[50] Saa berɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi.

[51] Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ berɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”

[52] Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛwsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.”

[53] Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.

Yohane Asɛmpa No — Chapters