Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:56

[1] Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo koma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni.

[2] Tenabea bebree wɔ mʼAgya fie, ɛno nti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.

[3] Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.

[4] Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”

[5] Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu kwan aba hɔ bi?”

[6] Yesu buaa sɛ, “Mene kwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.”

[7] Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa berɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahu no!”

[8] Filipo bisaa no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri sɛ, deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no.”

[9] Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?

[10] Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu?” Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɔ nʼadwuma.

[11] Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɔ no nti, monnye nni.

[12] Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɔ nnwuma a meyɔ no bi na mpo ɔbɛyɔ nnwuma akɛseakɛse, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn.

[13] Na biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.

[14] Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɔ ama mo.

[15] “Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so.

[16] Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.

[17] Wiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte.

[18] Merennya mo sɛ nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio.

[19] Ɛrenkyɛ biara nnipa renhu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhu me; na ɛsiane sɛ mete ase no nti, mo nso mobɛtena ase.

[20] Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, na mobɛhunu sɛ, mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no.

[21] Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”

[22] Yuda, ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”

[23] Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.

[24] Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.

[25] Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo.

[26] Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.

[27] “Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo koma nntu; na monnsuro nso.

[28] Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn.

[29] Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi.

[30] “Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi.

[31] Na ɛsɛ sɛ nnipa hunu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no. Monsɔre ma yɛnkɔ.”

Yohane Asɛmpa No — Chapters