[1] “Mene nokorɛ bobe no na mʼAgya ne okuafoɔ no.
[2] Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree.
[3] Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dada.
[4] Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.
[5] “Mene bobe no na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
[6] Obiara a ɔntena me mu no, te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu gya mu hye.
[7] Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo.
[8] Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.
[9] “Sɛdeɛ Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.
[10] Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno nti ɔda so dɔ me no.
[11] “Maka yeinom nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛnya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ.
[12] Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.
[13] Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
[14] Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɔ no so a, na moyɛ me nnamfonom.
[15] “Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɔ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
[16] “Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɔ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo.
[17] Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.
[18] “Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kane ansa na ɛretan mo.
[19] Sɛ mote ase ma wiase a, ɛnneɛ wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii wiasefoɔ mu, ɛno nti, monyɛ wiasefoɔ bio; yei nti na wiasefoɔ tan mo no.
[20] Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no. ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wɔtie mʼasɛm a meka no a, mo nso, wɔbɛtie mo.
[21] Ɛsiane sɛ moyɛ me deɛ nti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
[22] “Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.
[23] Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.
[24] Sɛ manyɔ nnwuma a obiara nyɔɔ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɔeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya.
[25] Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
[26] “Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo.
[27] Na mo nso mobɛdi me ho adanseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ pɛɛ.”