[1] Pilato maa wɔbɔɔ Yesu mmaa.
[2] Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
[3] Wɔdii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotorɔ, kaa sɛ, “Yudafoɔ hene, wo nkwa so!”
[4] Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
[5] Berɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!”
[6] Berɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnuam! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato ka kyeerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnuam, ɛfiri sɛ, menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
[7] Yudafoɔ no buaa sɛ, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
[8] Berɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie.
[9] Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no.
[10] Pilato bisaa no sɛ, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, mewɔ tumi sɛ megyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnuam!”
[11] Yesu buaa no sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”
[12] Berɛ a Pilato tee asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔhwehwɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso, Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Sɛ wogyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔbɛka sɛ ɔyɛ ɔhene no yɛ Kaesare tamfoɔ!”
[13] Berɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔkɔtenaa nʼahennwa so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Aboɔ Sɛeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.”
[14] Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru so no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, Pilato ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Mo hene no ni!”
[15] Ɛdɔm no nso teateaam bio sɛ, “Ku no! Ku no! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato bisaa wɔn sɛ, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asɛnnuam anaa?” Asɔfoɔ mpanin no kaa sɛ, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!”
[16] Afei, Pilato de Yesu maa Yudafoɔ no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnuam.
[17] Enti, wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kuro no mfikyire baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiriso” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.”
[18] Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnuam kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfinimfini.
[19] Pilato twerɛɛ sɛ, “ ,” maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi.
[20] Ɛsiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam ne kuro no mu kwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ.
[21] Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, ‘Yudafoɔ hene’ na mmom twerɛ sɛ, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa sɛ, mene Yudafoɔ hene!’ ”
[22] Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
[23] Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnuam wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa ɔsraani biara faa mu baako maa ɛkaa nʼatadeɛ nhyɛaseɛ. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne soro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.
[24] Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.” Adeɛ a wɔyɔeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Atwerɛwsɛm a ɛka sɛ, “Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu, bɔɔ so ntonto faeɛ” no bɛba mu. Deɛ asraafoɔ no yɔeɛ ne no.
[25] Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene.
[26] Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba ni.”
[27] Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame ni.” Ɛfiri saa berɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
[28] Saa berɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no nti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”
[29] Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsa a ɛmu keka mu de kaa nʼano.
[30] Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaa mu.
[31] Na ahosiesie da no aduru a nʼadekyeeɛ so w ɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Saa da no ara nso ɛyɛ Homeda. Ɛsiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so nti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato sɛ wɔpɛ sɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so.
[32] Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnuam ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan .
[33] Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi.
[34] Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ.
[35] Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ. Ɔnim sɛ deɛ ɔka no yɛ nokorɛ. Ɔdi adanseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mo nso mobɛgye adi.
[36] Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi”
[37] ne “Nnipa bɛhwɛ onipa a wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu.
[38] Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti, ɔkɔyii Yesu amu no.
[39] Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de krobo ne aduhwam mfrafraeɛ a ɛmu duru bɛyɛ kilo aduasa mmiɛnsa baeɛ.
[40] Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no.
[41] Na ɔboda foforɔ bi a wɔnsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛwɔ baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no.
[42] Ɛsiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wɔsiee Yesu amu no wɔ hɔ.