[1] Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria maame nua Marta firi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yareeɛ.
[2] Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi popaeɛ no.
[3] Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo dɔfoɔ no yare.”
[4] Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
[5] Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa no ne Lasaro asɛm yie.
[6] Berɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeeden no, wankɔ saa berɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu.
[7] Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.”
[8] Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?”
[9] Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno nti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam wiase hann mu.
[10] Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu.”
[11] Yesu san kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.”
[12] Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.”
[13] Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
[14] Ɛno nti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu;
[15] nanso mo nti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
[16] Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”
[17] Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan.
[18] Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansin mmienu,
[19] na saa berɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho.
[20] Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa fie.
[21] Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu!
[22] Menim mpo sɛ saa berɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɔ mma wo no, ɔbɛyɔ.”
[23] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.”
[24] Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.”
[25] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa.
[26] Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?”
[27] Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”
[28] Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.”
[29] Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu.
[30] Saa berɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
[31] Berɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ fie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.
[32] Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.”
[33] Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ.
[34] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe na mosiee no?” Wɔbuaa no sɛ, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
[35] Yesu suɛ.
[36] Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, “Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
[37] Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirafoɔ hunuu adeɛ no, monnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?”
[38] Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no hyee Yesu maa ne werɛ sane hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so.
[39] Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nnanan ni a yɛbɛsiee no enti saa berɛ yi deɛ, ɛbɔn.”
[40] Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”
[41] Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ soro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me.
[42] Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”
[43] Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!”
[44] Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntama no na ɔnkɔ.”
[45] Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɔeɛ no mu bebree gyee no diiɛ.
[46] Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
[47] Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɔ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ!
[48] Sɛ yɛma ɔkɔ so yɔ deɛ ɔreyɔ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
[49] Kaiafa a saa berɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee!
[50] Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
[51] Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa berɛ no nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa;”
[52] na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako.
[53] Ɛfiri saa berɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene sɛ wɔbɛkum Yesu.
[54] Yei nti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea na ɔfirii hɔ kɔɔ serɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ.
[55] Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwera wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
[56] Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.”
[57] Saa berɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.