[1] Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɛberɛ no adu. Hyɛ wo Ba no animuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo animuonyam.
[2] Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a ɛnni awieeɛ.
[3] Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!
[4] Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɔ.
[5] Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.
[6] “Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm.
[7] Afei, wɔahu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn.
[8] Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me.
[9] “Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea.
[10] Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam.
[11] Na afei, merefiri wiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no.
[12] Berɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu.
[13] “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa berɛ a meda so wɔ wiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mʼanigyeɛ bɛhyɛ wɔn ma.
[14] Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefoɔ tanee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔmfi wiase sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.
[15] Memmisa wo sɛ yi wɔn firi wiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam.
[16] Sɛdeɛ memfiri wiase no, saa ara nso na wɔmfiri wiase.
[17] Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, nyɛ wɔn kronkron.
[18] Sɛdeɛ wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase.
[19] Wɔn nti, mede me ho ma wo sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.
[20] “Memmɔ mpaeɛ mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam wɔn asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso.
[21] Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛdeɛ wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara nso na ma wɔntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ, wo na wosomaa me.
[22] Mede animuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.
[23] Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.
[24] “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahunu mʼanimuonyam, animuonyam a wode maa me no, ɛfiri sɛ, wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.
[25] “Agya kronkron, wiase nnim wo, nanso me deɛ, menim wo; na asuafoɔ yi nim sɛ wo na wosomaa me.
[26] Mama wɔahunu sɛdeɛ wo te na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso, matena wɔn nso mu bi.”