[1] “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn.
[2] Wɔbɛpam mo afiri wɔn asɔredan mu. Na berɛ bi bɛba a obiara a ɔbɛku mo no bɛsusu sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn.
[3] Wɔde saa nnoɔma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me.
[4] Nanso, mereka yei akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, sɛ berɛ no du a, mobɛkae deɛ meka kyerɛɛ mo no. Mfitiaseɛ no, manka yei ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na meka mo ho.”
[5] “Afei deɛ merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso, mo mu biara mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’
[6] Deɛ maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ aho.
[7] Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn.
[8] “Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atɛmmuo.
[9] Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔnnye me nni.
[10] Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio.
[11] Saa ara na deɛ wɔka fa atɛmmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu wiase yi tɛmmufoɔ no atɛn dada.
[12] “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso seesei deɛ, morentumi nte aseɛ.
[13] Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nnoɔma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo.
[14] Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.
[15] Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno nti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.
[16] “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa, mobɛhu me bio.”
[17] Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”
[18] Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.”
[19] Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mobɛhu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi?
[20] Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso wiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.
[21] Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase.
[22] Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam.
[23] Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo.
[24] Ɛbɛsi saa berɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.”
[25] “Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, berɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no fann akyerɛ mo.
[26] Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo,
[27] ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebae.
[28] Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefiri wiase akɔ Agya no nkyɛn.”
[29] Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ.
[30] Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.”
[31] Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di?
[32] Berɛ bi rebɛduru na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛhwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho.
[33] Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ wiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”