[1] Yei akyi, Yesu twaa Galilea po a wɔsane frɛ no Tiberia po no.
[2] Ɛsiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no nti, wɔdii nʼakyi.
[3] Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra.
[4] Saa berɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.
[5] Berɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?”
[6] Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɔ.
[7] Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya sika a ɛmu yɛ duro.”
[8] Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ,
[9] “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo num ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”
[10] Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no maa wɔtenatenaa serɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.
[11] Yesu faa brodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.
[12] Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.”
[13] Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
[14] Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no kwan no.”
[15] Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkye no asi no hene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio.
[16] Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano.
[17] Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum.
[18] Saa berɛ no na ahum retu wɔ po so ama po no so ayɛ bagyabagya.
[19] Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nan no, wɔhunuu sɛ obi nam po no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ,
[20] Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!”
[21] Asuafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Yesu no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔde no kɔtena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum.
[22] Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho.
[23] Ankyɛ koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no.
[24] Berɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
[25] Wɔduruu Kapermaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na wobaa ha?”
[26] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no nti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no nti.
[27] Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nnhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyi kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei nti na mʼAgya somaa me.”
[28] Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɔ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
[29] Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ mobɛyɔ na moasɔ Onyankopɔn ani ne sɛ, mobɛgye ne Ba a ɔsomaa no no adi.”
[30] Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
[31] Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom mana dii wɔ serɛ so no.”
[32] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyernaɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri soro no dii serɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri soro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa.
[33] Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri soro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”
[34] Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.”
[35] Yesu kaa sɛ, “Mene paanoo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.
[36] Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni.
[37] Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
[38] Na mefiri soro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ.
[39] Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ.
[40] MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.”
[41] Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri soro” no, wɔnwiinwiiɛ.
[42] Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri soro na ɔbaeɛ?”
[43] Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no.
[44] Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.
[45] Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
[46] Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no.
[47] “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ.
[48] Mene paanoo a ɛma nkwa no.
[49] Mo nananom dii mana wɔ serɛ so nso wɔwuwuiɛ,
[50] nanso paanoo a ɛfiri soro ba no yɛ paanoo a obi di a ɔrenwu da.
[51] Mene paanoo a ɛfiri osoro no; sɛ obi di saa paanoo yi a, ɔbɛtena ase daa. Paanoo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wiase bɛnya nkwa.”
[52] Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ maa wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi bɛtumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?”
[53] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ.
[54] Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ.
[55] Me honam ne aduane pa no na me mogya nso ne nsu pa no.
[56] Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no, te me mu na me nso mete ne mu.
[57] Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno nti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me nti, ɔbɛtena ase.
[58] Yei ne paanoo a ɛfiri soro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ serɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa paanoo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.”
[59] Berɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
[60] Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
[61] Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo huntidua anaa?
[62] Ɛnneɛ ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ soro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɔ?
[63] Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
[64] nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri mfitiaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho.
[65] Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei nti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.
[66] Ɛsiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no nti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
[67] Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”
[68] Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ.
[69] Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
[70] Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
[71] Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.