[1] Na apama ɛdi kan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom.
[2] Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne brodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.
[3] Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,
[4] na sika aduhwamhyeɛ afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ.
[5] Adaka no so hɔ nso na animuonyam Kerubim a wɔatrɛ wɔn ntaban mu akata baabi a na wɔde bɔne kyɛ no si. Nanso, yɛrentumi nka nnoɔma no ho asɛm nkɔ akyiri seesei.
[6] Saa na wɔahyehyɛ nnoɔma no. Da biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdikan no mu kɔyɔ wɔn adwuma;
[7] nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ Onyankopɔn afɔdeɛ ma ne ho ne nnipa wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne no, ka ne ho kɔ.
[8] Honhom Kronkron no nam saa kwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔmmue ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ berɛ a Kronkronbea no ne emu nnoɔma da so wɔ hɔ.
[9] Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no ntumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronn.
[10] Wɔde nnuane, anonneɛ ne nnoɔma ahodoɔ a wɔde dwera wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi berɛ a nhyehyɛɛ foforɔ bɛ ba.
[11] Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nnoɔma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɔeɛ a enti ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ wiase fa bi.
[12] Berɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn.
[13] Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne anantwibedeɛ nso a wɔde dwera wɔn a wɔn ho agu fi te wɔn ho kɔ honam ahofirie mu a,
[14] mprɛ ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ho mfiri nnwuma bɔne mu, na mo nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no?
[15] Yei nti na Kristo na ɔhyehyɛ apam foforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei bɛtumi aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ berɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi kan no mu no.
[16] Sɛ nsamanseɛ bi wɔ hɔ a, gye sɛ wɔtumi ma nokorɛ no da adi sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa asamanseɛ no awu.
[17] Sɛ onipa a ɔhyɛ nsamanseɛ no te ase a, saa nsamanseɛ no nka hwee. Berɛ a wawu no na ɛka biribi.
[18] Ɛno nti na apam a ɛdi kan no wɔnam mogya so na ɛhyɛɛ no den no.
[19] Deɛ ɛdi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛdeɛ ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwie mma mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nwoma no ne nnipa no nyinaa so
[20] kaa sɛ, “Yei ne mogya a ɛsɔ apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monni so no ano.”
[21] Saa ara na Mose petee mogya guu ntomadan no ne nnoɔma a wɔde som no nyinaa so ne no.
[22] Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho na saa ara nso na gye sɛ mogya hwie gu ansa na bɔnefakyɛ aba.
[23] Saa kwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nnoɔma no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho.
[24] Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronn a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsode. Ɔkɔɔ soro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim.
[25] Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mprɛ bebree saa.
[26] Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbɛhunu amane mprɛ bebree. Mmom, waba prɛko a nnoɔma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apopa bɔne.
[27] Ɛsɛ sɛ obiara wu baako pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.
[28] Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.