[1] Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ soro no ahennwa no nifa.
[2] Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ soro. Saa ntomadan yi Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.
[3] Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ.
[4] Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.
[5] Dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Berɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo bepɔ no so sɛ yɛ no no pɛpɛɛpɛ.”
[6] Afei, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Ɛte sɛ apam a ɔhyehyɛɛ wɔ Onyankopɔn ne nnipa ntam, ɛfiri sɛ, ɔgyinaa nnepa ho bɔhyɛ so na ɔyɛɛ apam no.
[7] Sɛ na apam a ɛdi kan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no.
[8] Nanso, Onyankopɔn nyaa ne nkurɔfoɔ ho mfasoɔ na ɔkaa sɛ, “Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo bɛhyehyɛ apam foforɔ.
[9] Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn mpanimfoɔ hyehyɛɛ wɔ da a mesɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ, ɛno nti mante mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ.
[10] Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ berɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na matwerɛ agu wɔn komam. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
[11] Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade!’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
[12] Mɛhu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”
[13] Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no, ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a ɛnyini yɛ dada no nkyɛre yera.