[1] Mmara no yɛ nnoɔma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnyɛ nnoɔma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara. Na ɛbɛyɛ dɛn na saa Mmara yi nam afɔdeɛ a wɔbɔ yi so ama nnipa a wɔba Onyankopɔn nkyɛn no ayɛ pɛ?
[2] Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no afiri wɔn bɔne mu ayɛ pɛ a, ɛnneɛ wɔrenni bɔne ho fɔ bio na ne saa nti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa.
[3] Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara.
[4] Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpopa bɔne.
[5] Ɛsiane saa nti, berɛ a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ nanso woasiesie ɔhonam ama me.
[6] Wʼani nnye ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de popa bɔne ho.
[7] Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha, rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’ ”
[8] Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde popa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa.
[9] Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu.
[10] Ɛsiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho.
[11] Da biara Yudani sɔfoɔ sɔre yɔ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mprɛ bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpopa bɔne.
[12] Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.
[13] Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ase ntiasoɔ.
[14] Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa.
[15] Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi kan no, ɔka sɛ,
[16] “Yei ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ berɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma mu na matwerɛ agu wɔn adwene mu.”
[17] Na afei waka sɛ, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumuyɔ bio.”
[18] Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de popa bɔne no ho nhia bio.
[19] Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.
[20] Ɔnam ɔno ara ne honam so abue kwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn.
[21] Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so.
[22] Momma yɛmfa koma pa, gyidie a ɛmu yɛ den, koma a ɛsiane atiboa bɔne nti, wɔate ho ne honam a wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware no ntwe mmɛn Onyankopɔn.
[23] Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so sɛ ɔrenni yɛn hwammɔ.
[24] Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.
[25] Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛ na ɛda no aba.
[26] Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpopa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn.
[27] Deɛ aka ara ne sɛ obiara suro deɛ ɛbɛba a ɛyɛ atɛmmuo ne egya a ɛbɛba abɛhye wɔn a wɔtia Onyankopɔn no.
[28] Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie nti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛku no a wɔrenhu no mmɔbɔ.
[29] Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nyɛ adewa.
[30] Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”
[31] Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.
[32] Monkae ahohia a mokɔɔ mu berɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ.
[33] Ebi ne sɛ, mprɛ bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho.
[34] Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.
[35] Mommma mo koma nntu na moanhwere mo akatua.
[36] Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no.
[37] Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛ koraa na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn.
[38] Na deɛ ɔteneɛ no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a me kra ani nsɔ no.”
[39] Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.