[1] Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu akyɛ adeɛ, abɔ bɔne ho afɔdeɛ de asom Onyankopɔn.
[2] Ɛsiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan hodoɔ pii so no nti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no.
[3] Ne mmerɛyɛ nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso.
[4] Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no.
[5] Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Woyɛ me Ba: ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
[6] Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛɛ te no.”
[7] Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Ɛsiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no.
[8] Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ.
[9] Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ,
[10] na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛɛ te no.
[11] Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso ɛmu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den.
[12] Moayɔ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ sɛ monya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm firi ne mfitiaseɛ. Anka ɛsɛ sɛ saa berɛ yi modi aduane a ɛyɛ den, nanso nufusuo na ɛyɛ ma mo.
[13] Obiara a nufusuo yɛ ma no da so yɛ abadoma a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.
[14] Aduane a ɛyɛ den nso yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu nsonoeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam.