[1] Momma yɛnnyae Kristo mfitiaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ nti a ɛsɛsɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɔeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ nti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidie.
[2] Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atɛmmuo ho nsɛm.
[3] Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.
[4] Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu.
[5] Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahu mfeɛ a ɛreba no mu tumi.
[6] Ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ.
[7] Onyankopɔn hyira asase a ɛnom nsuo a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifideɛ yɛ yie ma wɔn a wɔn nti wɔduaeɛ no.
[8] Na sɛ nkasɛɛ ne wura hunu fifiri so a, ɛnyɛ mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde egya asɛe no.
[9] Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yɛnim pefee sɛ ade pa bi a nkwagyeɛ bata ho bɛfiri mo mu aba.
[10] Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a woyɔeɛ anaa ɔdɔ a wodaa no adi maa no ne mmoa a wode boaa wʼafɛfoɔ Kristofoɔ na wogu so de boa wɔn no.
[11] Deɛ yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mo nsa bɛka adeɛ a mo ani da so no.
[12] Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhu mo sɛ gyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
[13] Berɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no.
[14] Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.”
[15] Na Abraham wɔ boasetɔ nti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ.
[16] Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam.
[17] Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den.
[18] Saa nnoɔma mmienu yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atorɔ. Enti, yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkuta yɛn anidasoɔ no mu den.
[19] Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Ɛtim hɔ, na ɛhyɛne mu tra ntwamtam no kɔsi Kronkron mu Kronkron hɔ.
[20] Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanin afebɔɔ sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛɛ te no.