Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:00

[1] Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu.

[2] Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim.

[3] Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no.

[4] Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.

[5] Monyi sikanibere mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Merennya wo na merennya wo da.”

[6] Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ, “Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”

[7] Monkae mo mpaninfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no.

[8] Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

[9] Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri kwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a, ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara.

[10] Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom wɔ hyiadan mu no mpo nni ho kwan sɛ wɔdidi so.

[11] Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu wɔ beaeɛ no akyi baabi.

[12] Yei nti, Yesu nso wuu wɔ kuro no pono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron.

[13] Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi.

[14] Ɛfiri sɛ, yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyi kwan.

[15] Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ.

[16] Mommma mo werɛ mmfiri sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri sɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

[17] Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Ɛsiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɔ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɔ adwuma no na ɛremmoa mo.

[18] Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee sɛ yɛwɔ adwene a ɛmu da hɔ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ berɛ biara yɛyɔ adeɛ a ɛyɛ.

[19] Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.

[20] Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne wuo no so nti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn.

[21] Asomdwoeɛ Nyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɔ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

[22] Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nyɛ tenten biara.

[23] Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

[24] Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo.

[25] Adom nka mo nyinaa.

Hebrifoɔ — Chapters