Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:15

[1] Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho ntu mmirikakansie a ɛda yɛn anim no.

[2] Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie mfitiaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no nti, wampa aba. Ɛsiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no nti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so.

[3] Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa aba.

[4] Na mo ne bone ko mu no, monko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu.

[5] Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ, “Me ba, sɛ Awurade twe wʼaso a tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba.

[6] Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, na deɛ ɔfa no sɛ ɔba no, ɔtene no so.”

[7] Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a ne papa ntene ne so da?

[8] Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monyɛ ne mma kann.

[9] Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mprɛ ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase?

[10] Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ berɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte.

[11] Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ ho saa berɛ no mu na yɛn ani nnye. Na akyire yi no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, nya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.

[12] Montenetene nsa ne nkotodwe a ɛmu agogo no mu.

[13] Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ.

[14] Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade.

[15] Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bonwoma no ha afoforɔ.

[16] Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ ɔdwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no.

[17] Na afei ɛduruu berɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka ne papa hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakra deɛ, nanso anyɛ yie.

[18] Monhyiaa nnoɔma a ɛyɛ hu, egyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so berɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no.

[19] Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ torobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, nti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa,

[20] ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ ku no” no so.

[21] Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.”

[22] Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu.

[23] Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a, wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ soro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa tɛmmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu.

[24] Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nnoɔma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.

[25] Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi soro no ho?

[26] Ne nne wosoo asase saa berɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.”

[27] Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nnoɔma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nnoɔma a wɔntumi nwoso no aka.

[28] Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidie ne suro so nsom no,

[29] ɛfiri sɛ, nokorɛ, yɛn Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

Hebrifoɔ — Chapters