Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:57

[1] Gyidie yɛ ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ nnoɔma a yɛn ani da so ne nnoɔma a yɛnhu ho adansedie mu.

[2] Gyidie a na tetefoɔ no wɔ nti na Onyankopɔn gyee wɔn too mu.

[3] Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase, sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnhunu mu.

[4] Gyidie nti na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛne deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie a ɔwɔ nti. Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, ɛfiri sɛ, nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Ɛsiane Habel gyidie a na ɔwɔ nti, ɛwom sɛ wawu deɛ, nanso ɔda so kasa.

[5] Gyidie a na Henok wɔ nti, wɔfaa no kɔeɛ a wanhunu owuo. Obiara anhu no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no. Atwerɛsɛm no ka sɛ ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani.

[6] Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no.

[7] Gyidie nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nnoɔma a anka ɔrentumi nhunu no ho no, ɔtiee Onyankopɔn yɔɔ adaka a ɛmu na wɔgyee ɔno ne ne fiefoɔ nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase fɔ, enti ɔnyaa gyidie mu tenenee.

[8] Gyidie nti na berɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne man hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ.

[9] Gyidie nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔhoɔ. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi tenaa ntomadan mu.

[10] Nanso, na Abraham retwɛn kuro kɛseɛ bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena.

[11] Gyidie nti na Abraham yɛɛ Agya wɔ ne nkwakoraaberɛ mu a na ne yere Sara anyini nti, na ɔnwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so.

[12] Ɛwom sɛ na ɔregye nna awu, nanso nʼasefoɔ dɔɔso sɛ wiem nsoromma ne mpoano anwea.

[13] Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ. Ɛwom sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no deɛ, nanso wɔhunuu no akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so.

[14] Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man.

[15] Wɔnnwene ɔman a wɔagya wɔ wɔn akyire no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wɔbɛtumi anya kwan asane wɔn akyi akɔ hɔ.

[16] Ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na wɔpere kɔ mu. Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ, wasiesie ɔman bi ama wɔn.

[17] Gyidie a Abraham wɔ nti na ɛmaa Onyankopɔn maa no de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ de sɔɔ no hwɛeɛ. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba korɔ no bɛbɔ afɔdeɛ.

[18] Na Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase atrɛ.”

[19] Na Abraham bu no sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane awufoɔ afiri owuo mu, na abɛbuo mu no, Onyankopɔn nyanee Isak firii owuo mu.

[20] Gyidie nti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.

[21] Gyidie nti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewuo. Ɔkutaa ne poma mu sɔree Onyankopɔn.

[22] Gyidie nti na Yosef rebɛwu no, ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔntu mfiri Misraim na ɔhyɛɛ deɛ sɛ ɔwu a, wɔnyɛ nʼamu no.

[23] Gyidie nti na ɛmaa Mose awoɔ akyi nʼawofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa no. Wɔhunuu sɛ na ne ho yɛ fɛ, enti na wɔnsuro sɛ wɔbɛbu ɔhene no mmara so.

[24] Gyidie nti na Mose nyiniiɛ no wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babaa ba no.

[25] Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma bɛhunu amane sene sɛ ɔbɛgye nʼani wɔ bɔne mu mmerɛ tiawa bi.

[26] Ɔsusuu sɛ, sɛ ɔhunu amane ma Agyenkwa no a, ɛyɛ sene agyapadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa, ɛfiri sɛ, na nʼani da ade pa bi so daakye.

[27] Gyidie nti na ɛmaa Mose tu firii Misraim a na ɔnsuro ɔhene no abufuo. Ɔmiaa nʼani sɛ ɔrensane nʼakyi ɛfiri sɛ na wahunu Onyankopɔn a obi nhunu no no.

[28] Gyidie nti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔsɛebɔfoɔ no renkum Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima no.

[29] Gyidie nti na ɛmaa Israelfoɔ no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no, sɛdeɛ wɔnam asase kesee so no. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa bi no, nsuo no bu faa wɔn so.

[30] Gyidie nti na Israelfoɔ de nnanson twaa Yeriko afasuo ho hyiaeɛ no, ɛdwiri guiɛ.

[31] Gyidie nti na wɔankum adwaman Rahab amfra wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no, ɛfiri sɛ, ɔgyee akwansrafoɔ no fɛ so.

[32] Afei ɛdeɛn na menka? Berɛ bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm.

[33] Wɔnam gyidie so koo aman so dii nkonim. Wɔyɛɛ ade pa nyaa deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano,

[34] dum egyaframa, tetee wɔn ho firii nkrantɛwuo ano. Na wɔyɛ mmerɛ, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wɔdii wɔn atamfoɔ so.

[35] Ɛnam gyidie mu wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi a wɔpɛɛ ahofadie nso, wɔyɛɛ wɔn aninyaanneɛ, kum wɔn na daakye wɔanya asetena pa.

[36] Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase.

[37] Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kum bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nwoma kata wɔn ho, wɔyɛɛ mmɔbɔ, wɔn ho dwane wɔn na wɔhunuu amane.

[38] Wiase annyɛ amma wɔn. Wɔkyinkyinii sɛ atutenafoɔ wɔ serɛ so ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu.

[39] Wɔdi yeinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidie ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no,

[40] ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛɛ a ɛyɛ sene yei na ɔrenkwati yɛn wɔ ne pɛyɛ mu.

Hebrifoɔ — Chapters