[1] Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.
[2] Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.
[3] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔwa anaa aduan anaa sika anaa ntade abien abien.
[4] Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafi hɔ akɔ.
[5] Na wɔn a wɔrennye mo no, mufi kurom hɔ rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw mfa nni adanse ntia wɔn.
[6] Na wosiim hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmiako mmiako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yare baabiara.
[7] Na ɔmansinhene Herode tee nea ɔyɛe nyinaa; na ne tirim yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyan Yohane afi awufo mu,
[8] na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforo se: Tete adiyifo no mu biako asɔre.
[9] Na Herode kae sɛ: Yohane de, matwa ne ti, na hena ne oyi a mete ne ho nsɛm a ɛte sɛɛ yi? Na ɔhwehwɛe sɛ ohu no.
[10] Na asomafo no san bae, na wɔbɛkaa nea wɔakɔyɛɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ɔfa baabi, kurow a wɔfrɛ no Betsaida no ho.
[11] Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, wodii n’akyi; na ogyee wɔn kaa wɔn Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ehia wɔn yare.
[12] Na ade reyɛ asa; na dumien no bae besee no sɛ: Gya nkurɔfokuw no kwan na wɔnkɔ nkurow ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtena hɔ, na wɔanya aduan; efisɛ nea yɛwɔ ha yi yɛ sare so.
[13] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wose: Yenni biribiara sɛ abodoo anum ne mpataa abien pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduan ma nkurɔfo yi nyinaa.
[14] Na wɔbɛyɛ sɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Momma wɔntenatena ase akuwakuw bɛyɛ aduonum aduonum.
[15] Na wɔyɛɛ sa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenatenaa ase.
[16] Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubui de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuw no.
[17] Na wodii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien.
[18] Na ɛbae sɛ ne nko wɔ hɔ rebɔ mpae no, na n’asuafo no ka ne ho; na obisaa wɔn sɛ: Nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Mene hena?
[19] Na wobuae sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforo se: Tete adiyifo no mu bi na wasɔre.
[20] Na obisaa wɔn sɛ: Mo de, muse mene hena? Na Petro buae sɛ: Onyankopɔn Kristo no.
[21] Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee braa wɔn sɛ wɔnnka eyi nnkyerɛ obiara
[22] se: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii, na mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo apo no, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wanyan.
[23] Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na onni m’akyi.
[24] Na obiara a ɔpɛ sɛ obegye ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra befi ne nsa no, obegye no nkwa.
[25] Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔyera anaasɛ ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?
[26] Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔne n’agya ne n’abɔfo kronkron anuonyam bɛba no.
[27] Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa.
[28] Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ sɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔw so mpaebɔ.
[29] Na ɔrebɔ mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee.
[30] Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae;
[31] na woyii wɔn ho adi anuonyam mu, na wɔkaa ne wu a obewu wɔ Yerusalem ho asɛm.
[32] Na nna faa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wonyanee no, wohuu n’anuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ.
[33] Na ɛbae sɛ wɔrefi ne nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, eye sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako; efisɛ na onnim nea ɔreka.
[34] Na ɔreka saa no, omununkum bae bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ omununkum no mu no, wosuroe.
[35] Na ɛnne bi fi mununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, muntie no!
[36] Na ɛnne no twaam no, wohuu Yesu nko ara. Na womuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nneɛma a wohui no ankyerɛ obiara.
[37] Na ɛbae sɛ n’adekyee a wofii bepɔw no so sii fam no, nkurɔfokuw bebree behyiaa no.
[38] Na hwɛ, ɔbarima bi a ofi nkurɔfo no mu teɛɛm sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba koro.
[39] Na hwɛ, honhom bi kyere no, na ɔpatuw teɛm su, na esinsen no ma n’ano po ahuru, na obu fa so, na ɛden no ansa na egyaa no.
[40] Na mesrɛɛ w’asuafo no sɛ wontu no, wɔantumi.
[41] Na Yesu buae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mentɔ me bo ase mo ho nkodu da bɛn? Fa wo ba no bra ha!
[42] Na ɔreba no, honhommɔne no him no hwee fam, na esinsen no. Na Yesu teɛteɛɛ honhom fi no, na ɔsaa abofra no yare, na ɔde no maa n’agya.
[43] Na Onyankopɔn ahoɔden kɛse yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw. Na nneɛma a Yesu yɛe no nyinaa yɛɛ wɔn nwonwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ:
[44] Momma nsɛm yi nkɔ mo asom; na wɔrebeyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.
[45] Na wɔante asɛm yi ase, efisɛ na wɔde ahintaw wɔn na wɔanhu. Na wosuroe sɛ wobebisa no asɛm yi.
[46] Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse?
[47] Na Yesu huu wɔn komam nsusuwii no, ɔfaa abofra bi begyinaa ne nkyɛn,
[48] na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.
[49] Na Yohane buae sɛ: Owura, yehuu sɛ obi de wo din tu ahonhommɔne; na yɛbraa no, efisɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam.
[50] Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mommmara no! Na nea ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa.
[51] Na ɛbae sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie du no, ɔde sii n’anim sɛ ɔrekɔ Yerusalem.
[52] Na ɔsomaa abɔfo dii n’anim; na wɔkɔe no, wɔkɔhyɛn Samariafo akuraa bi ase sɛ wɔrekosiesie hɔ ama no.
[53] Na wɔannye no, efisɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem.
[54] Na n’asuafo Yakob ne Yohane hui no, wɔkae sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya fi soro bɛhyew wɔn?
[55] Na ɔdan ne ho kaa wɔn anim.
[56] Onipa ba no amma ammɛsɛe nnipa kra, na obegyee wɔn. Na wɔkɔɔ akuraa foforo bi ase.
[57] Na ɛbae sɛ wɔnam kwan mu rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.
[58] Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.
[59] Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforo sɛ: Di m’akyi! Na ɔno de, ose: Ma me kwan na minkosie m’agya ansa.
[60] Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!
[61] Na ɔfoforo nso kae sɛ: Awurade, medi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra me fifo ansa.
[62] Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa koso funtumdade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni no mu.