[1] Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,
[2] na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Ka tumi ko a wode yɛ nneɛma yi kyerɛ yɛn, anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi yi?
[3] Na obua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na monka nkyerɛ me:
[4] Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa?
[5] Na wɔdwennwen sisee wɔn ho sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne adɛn nti na moannye no anni?
[6] Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, ɔman no nyinaa besiw yɛn abo; efisɛ wogye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifo.
[7] Na wobuae sɛ wonnim nea efi.
[8] Na Yesu nso see wɔn sɛ: Me nso menka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.
[9] Na ofii ase buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛe.
[10] Na bere no dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn, sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafo no hwee no ma ɔnam nsansa kɔe.
[11] Na ɔsan somaa akoa foforo; na ɔno nso, wɔhwee no bɔɔ no adapaa ma ɔnam nsansa kɔe.
[12] Na ɔsomaa nea ɔto so abiɛsa; na ɔno nso, wopirapiraa no pam no fii hɔ.
[13] Na bobe turo wura no kae sɛ: Menyɛ no dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no.
[14] Na akuafo no huu no no, wɔdwennwen sisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; momma yenkum no, na apɛgyade no nyɛ yɛn dea.
[15] Na wɔtwee no fii bobe turom hɔ kokum no. Enti ɛdɛn na bobe turo wura no bɛyɛ wɔn?
[16] Ɔbɛba abɛsɛe akuafo yi, na ɔde bobe turo no ama afoforo. Na wɔtee no, wɔkae sɛ: Onyame mpa ngu!
[17] Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: Na ɛdɛn na wɔakyerɛw sɛ: Ɔbo a abantofo apa no, ɛno na abɛyɛ tweaso tibo.
[18] Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu; na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.
[19] Na Akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa koso no mu akyere no dɔn no ara mu, nanso wosuroo ɔman no; efisɛ wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn.
[20] Na wɔtɛw no, na wɔsomaa akwansrafo bi a wɔpatuw yɛɛ wɔn anim sɛnea wɔyɛ nnipa trenee sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa.
[21] Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yiye, nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu.
[22] Yɛwɔ ho kwan sɛ yeyi tow ma Kaesare anaasɛ yennyi?
[23] Na ohuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
[24] Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hena mfonini ne nkyerɛwee na ɛwɔ so yi? Na wɔkae sɛ: Kaesare de.
[25] Na osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn.
[26] Na wɔantumi annya n’asɛm bi anso mu ɔman no anim, na ne mmuae no yɛɛ wɔn nwonwa, na womuaa wɔn ano.
[27] Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no mu bi bae bebisaa no
[28] sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔwɔ yere, na wanwo mma a, ne nua no mfa ne yere no nware, na ɔnwo mma, mma nea wawu no.
[29] Nso anuanom baasɔn tenaa ase. Na nea odi kan waree yere, wannya ɔba na owui.
[30] Na nea ɔto so abien
[31] ne nea ɔto so abiɛsa waree no; na saa ara na wɔn baasɔn nyinaa waree no, na wɔannyaw mma, na wowuwui.
[32] Na akyiri no, ɔbea no nso wui.
[33] Na afei owusɔre mu no, ɔbɛyɛ wɔn mu hena yere? Efisɛ wɔn baasɔn no aware no.
[34] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma aware;
[35] na wɔn a wobebu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforo no ne ɔsɔre a wɔbɛsɔre afi awufo mu no de, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma aware.
[36] Nso wontumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfo, na wɔyɛ Onyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyan mma ntia.
[37] Na ɛfa awufo nyan ho de Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.
[38] Na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de; efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.
[39] Na Akyerɛwfo no mu bi buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, woaka no yiye.
[40] Na eyi akyi no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.
[41] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na wɔka sɛ: Kristo no yɛ Dawid ba?
[42] Na Dawid ankasa ka nnwom nhoma no mu sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa
[43] kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.
[44] Enti Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?
[45] Na ɔman no nyinaa retie no, osee asuafo no sɛ:
[46] Monhwɛ mo ho yiye Akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew, na wɔpɛ gua so nkyia ne mpanyin nkongua hyia adan mu ne mpanyin tenabea adidi ase no ho;
[47] wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛso.