[1] Na ɛbae sɛ nkurɔfokuw no kyeree no so sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret tare no ho;
[2] na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, na apofofo no afi mu kɔhoro wɔn asawu.
[3] Na ɔkɔɔ ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon dea no mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfi fam kakra. Na ɔtenaa ase no, ofi ɔkorow no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no.
[4] Na ogyae kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam!
[5] Na Simon buae sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti megu asawu no.
[6] Na wɔyɛɛ saa no, wobumaa mpataa pii; a na wɔn asawu no retetew.
[7] Na wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu no sɛ wɔmmra mmeso wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akorow abien no mama ma anka ɛreyɛ amem.
[8] Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo.
[9] Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodow a woyii no nti, wɔn ho dwiriw wɔn;
[10] na sɛ nso ɛyɛɛ Yakob ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfo ara nen. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa.
[11] Na wɔde akorow no baa asase so no, wogyaw ne nyinaa hɔ dii n’akyi.
[12] Na ɛbae sɛ ɔwɔ nkurow no biako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam ani nyinaa baa hɔ. Na ohuu Yesu no, ɔde n’anim butuw fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.
[13] Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no fii ne ho kɔe.
[14] Na ɔbraa no sɛɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.
[15] Nanso ne ho asɛm trɛwee mmom, na nkurɔfo akuwakuw pii behyiae sɛ wobetie no, na wasa wɔn nyarewa.
[16] Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.
[17] Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.
[18] Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a ɔyare mmubui bae, na wɔrehwehwɛ ɔkwan de no abɛto n’anim.
[19] Na nkurɔfokuw no nti wɔannya ɔkwan a wɔde no bɛfa so aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfinimfini Yesu anim.
[20] Na ohuu wɔn gyidi no, osee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.
[21] Na kyerɛwfo ne Farisifo no fii ase susuwii sɛ: Hena ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hena na obetumi de bɔne akyɛ sɛ Onyankopɔn nko ara?
[22] Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu?
[23] Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew?
[24] Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi!
[25] Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa nea ɔdaa so no fii hɔ kɔɔ ne fi na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.
[26] Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkae sɛ: Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade.
[27] Na eyi akyi no, ofii adi, na okohuu towgyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atowgyei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi!
[28] Na ogyaw biribiara sɔre bedii n’akyi.
[29] Na Lewi tow no pon kɛse bi wɔ ne fi; na towgyefo ne nnipa foforo pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.
[30] Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi?
[31] Na Yesu see wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no.
[32] Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.
[33] Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo taa di mmuada na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, na wo asuafo de, wodidi na wɔnom!
[34] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mubetumi ama ayeforo asefo no adi mmuada, bere a ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi?
[35] Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wobedi mmuada.
[36] Na obuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntama foforo sin ntare ntama dedaw mu; ɔyɛ saa a, foforo no betu, efisɛ nea otwa fii foforo no mu no ne dedaw no nsɛ.
[37] Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe.
[38] Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.
[39] Nso obi nnom nsa dedaw nhwehwɛ foforo, na mmom ɔka sɛ: Dedaw no na eye.