Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:37

[1] Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee.

[2] Na asɔfo mpanyimfo ne Akyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu efisɛ wosuro ɔman no.

[3] Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.

[4] Na ɔne asɔfo mpanyin ne asafohene no kɔkasae kyerɛe sɛnea ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

[5] Na ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔne no hyehyɛe sɛ wɔbɛma no sika bi.

[6] Na ɔpenee; na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama wɔn wɔ nkurɔfokuw no akyi.

[7] Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no dui.

[8] Na ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi.

[9] Na wobisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie?

[10] Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mudu kurow no mu a, onipa bi a ɔso ahina a nsu wɔ mu behyia mo; munni n’akyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu.

[11] Na munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ?

[12] Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na munkosiesie!

[13] Na wɔkɔ kohui sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no.

[14] Na dɔn no dui no, ɔbɛtenaa ase, na asomafo no ka ne ho.

[15] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.

[16] Na mise mo sɛ, merenni bi bio, gye da a ɛbɛba mu Onyankopɔn ahenni mu.

[17] Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkae sɛ: Munnye eyi, na monkyɛ mu!

[18] Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni no bɛba.

[19] Na ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.

[20] Saa ara nso na wowiee adidi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.

[21] Nso hwɛ, nea ɔreyi me ama no ne me te pon ho didi.

[22] Na Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔahyɛ no de, nanso onipa a obeyi no ama no nnue!

[23] Na wofii ase bisabisae wɔ wɔn mu sɛ, hena ara na ɔrebɛyɛ saa ade yi.

[24] Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hena na wobebu no kɛse.

[25] Na osee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo.

[26] Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom.

[27] Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.

[28] Na mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu.

[29] Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo,

[30] na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.

[31] Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.

[32] Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!

[33] Na Petro see no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu.

[34] Na ose: Petro, meka mekyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasan mprɛnsa sɛ wunnim me.

[35] Na osee wɔn sɛ: Mesomaa mo a na munkura sika kotoku ne akwantu bɔtɔwa ne mpaboa no, so biribi hiaa mo anaa? Na wose: Anhia yɛn hwee.

[36] Ɛnna osee wɔn sɛ: Afei de, nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, ne akwantu bɔtɔwa saa ara; na nea onni bi no, ma ɔntɔn ne ntama mfa ntɔ nkrante.

[37] Na mise mo sɛ, eyi a wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei.

[38] Na wose: Awurade, hwɛ, nkrante abien ni. Na osee wɔn sɛ: Ɛdɔɔso.

[39] Na ofii adi, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔw so; na asuafo no nso dii n’akyi.

[40] Na oduu hɔ no, osee wɔn sɛ: Mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu!

[41] Na ɔtwee ne ho fii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ nea wɔtow ɔbo a, ɛbɛtɔ no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae

[42] sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ.

[43] Na ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

[44] Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.

[45] Na ɔsɔre fii mpaebɔ mu baa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ awerɛhow nti wɔadeda,

[46] na osee wɔn sɛ: Adɛn na moda? Monsɔre mmɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.

[47] Na ogu so kasa no, hwɛ, nnipakuw bi bae a dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na otwiw bɛn Yesu befew n’ano.

[48] Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfewano na ɛreyi Onipa Ba no ama?

[49] Na wɔn a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛrebɛba no, wobisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrante anaa?

[50] Na wɔn mu biako bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa, na otwaa n’aso nifa.

[51] Na Yesu buae sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔkaa n’aso no yɛɛ no yiye.

[52] Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne asɔrefi asafohene ne mpanyimfo a wɔbaa no so no sɛ: Mobae sɛnea moreba odwowtwafo so na mukura nkrante ne mmaa yi?

[53] Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi.

[54] Na wɔkyeree no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin fi. Na Petro de, odi wɔn ntɛntɛnso wɔ akyirikyiri.

[55] Na wɔsɔɔ ogya adiwo hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.

[56] Na abaawa bi huu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kae sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.

[57] Na ɔsanee sɛ: Ɔbea, minnim no.

[58] Na ankyɛ na ɔfoforo huu no, na ose: Wo nso wufi wɔn mu. Na Petro se: Barima, mimfi wɔn mu.

[59] Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ dɔnhwerew biako no, ɔfoforo bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, efisɛ ɔyɛ Galileani.

[60] Na Petro se: Barima, minnim nea wuse yi. Na amonom hɔ ara a ogu so kasa no, akokɔ bɔnee.

[61] Na Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

[62] Na Petro fii adi kosui yayaayaw.

[63] Na mmarima a wokura Yesu mu no goruu ne ho hwee no.

[64] Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm, Hena na ɔbɔɔ wo no!

[65] Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu no so.

[66] Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii

[67] kae sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mise mo a, morennye nni;

[68] na sɛ nso mibisa mo a, moremmua me.

[69] Na efi nnɛ, Onipa Ba no bɛtena Onyankopɔn tumi nifa so.

[70] Na wɔn nyinaa kae sɛ: Ɛnne na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.

[71] Na wose: Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Na yɛn ankasa ate afi n’anom.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters