Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:01

[1] Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,

[2] ne mmea bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛw, wɔne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no,

[3] ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.

[4] Na nkurɔfokuw pii boaboaa wɔn ho ano ne wɔn a wofii nkurow no nyinaa mu baa ne nkyɛn no, obuu wɔn bɛ sɛ:

[5] Ogufo bi fii adi koguu n’aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wotiatiaa so, na wim nnomaa bɛsosɔwee.

[6] Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni bosu nti.

[7] Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no.

[8] Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!

[9] Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne dɛn?

[10] Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.

[11] Na ɛbɛ no ni: Aba a wogu no ne Nyankopɔn asɛm.

[12] Ɔkwankyɛn de no ne wɔn a wɔte; na ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.

[13] Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.

[14] Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.

[15] Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.

[16] Na obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahu kanea no.

[17] Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi.

[18] Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na nea onni bi de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo, wobegye ne nsam.

[19] Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyereso no nti wɔantumi ammɛn no.

[20] Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo.

[21] Na obua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so.

[22] Na ɛbae sɛ da bi ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya noho. Na wɔhare kɔe.

[23] Na wɔrekɔ no, ɔdae. Na mframa kɛse bi bɔɔ huu baa ɔtare no so, na nsu bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu.

[24] Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn.

[25] Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi?

[26] Na wokoduu Gerasafo asase a ɛwɔ Galilea ntentenso so.

[27] Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei.

[28] Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!

[29] Efisɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ omfi onipa no mu; (na daa na ɛkyere no, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ guu no wɛn no, na ɔtetew nea wɔde akyekyere no no mu, na honhommɔne no pam no kɔɔ anwea pradada so).

[30] Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Ɛdɔm, efisɛ ahonhommɔne pii akɔ no mu.

[31] Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu.

[32] Na mprakokuw kɛse bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔw no so; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan.

[33] Na ahonhommɔne no fii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuw no bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɔtare no mu, na wɔmemee.

[34] Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase.

[35] Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe.

[36] Na wɔn nso a wohui no kae sɛnea ɛyɛe na nea ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no.

[37] Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe.

[38] Na ɔbarima no a ahonhommɔne fii no mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:

[39] San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa.

[40] Na Yesu san bae no, nkurɔfokuw no gyee no; efisɛ wɔn nyinaa retwɛn no.

[41] Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fi;

[42] na ɔwɔ ɔbabea koro a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia dumien, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekɔ no, na nkurɔfo akuwakuw no kyere no so.

[43] Na ɔbea bi a mogya tu no mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare

[44] befii n’akyi bɛkaa n’atade ano a wɔanwene no, na amonom hɔ ara ne mogya no twae.

[45] Na Yesu kae sɛ: Hena na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no kae sɛ: Owura, nkurɔfo akuwakuw no akyere wo so, na wɔremia wo.

[46] Na Yesu se: Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ.

[47] Na ɔbea no hui sɛ ada adi no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode nti a ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim.

[48] Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!

[49] Na ɔrekasa no, obi fi hyiadan mu panyin no fi bɛkae sɛ: Wo babea no awu, nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no!

[50] Na Yesu tee no, obuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na obenya nkwa.

[51] Na ɔbaa ofie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakob ne abofra no n’agya ne ne na.

[52] Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ose: Munnsu! Na onwui ɛ, na wada.

[53] Na wɔserew no, efisɛ na wonim sɛ wawu.

[54] Na osoo ne nsa frɛe sɛ: Abofra, nyan!

[55] Na ne honhom san bae bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni.

[56] Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters