[1] Na towgyefo ne nnebɔneyɛfo no nyinaa twiw bɛn no sɛ wɔrebetie no.
[2] Na Farisifo ne akyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.
[3] Enti Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ:
[4] Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no?
[5] Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.
[6] Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.
[7] Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.
[8] Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du, na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu?
[9] Na ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no.
[10] Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.
[11] Na ose: Onipa bi wɔ mmammarima baanu.
[12] Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’ahode mu maa wɔn.
[13] Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa.
[14] Na ɔhweree ne nyinaa wiei no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so, na efii ase hiaa no.
[15] Na ɔde ne ho kɔdan asase no so hɔni bi; na ɔma ɔkɔɔ ne mfuw mu kɔhwɛɛ mprako.
[16] Na ne kɔn dɔe sɛ ɔde asɛhono a mprako no di no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no.
[17] Na n’ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonnya aduan mma ɛmmoro so; na me de, ɔkɔm rekum me yi.
[18] Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na m'ase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne.
[19] Na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafo no mu biako!
[20] Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.
[21] Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.
[22] Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;
[23] na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye,
[24] efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.
[25] Na ne ba panyin no wɔ afum; na ɔreba na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw.
[26] Na ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no asɛm ko a aba.
[27] Na osee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu.
[28] Na ne bo fuwii, na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya fii adi bɛkorɔkorɔɔ no.
[29] Na obua see agya no sɛ: Hwɛ mfirihyia dodow yi a mede masom wo, nso memfom wo mmara so da; nanso wommaa me abirekyiba mpo sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da.
[30] Na wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.
[31] Na n'agya see no sɛ: Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea.
[32] Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.