Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:45

[1] Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue!

[2] Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua.

[3] Monhwɛ mo ho so yiye! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa kyɛ no!

[4] Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa kyɛ no!

[5] Na asomafo no see Awurade sɛ: Ka yɛn gyidi ho!

[6] Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ ankye dua yi sɛ: Wo ntini ntutu na kɔtɛw ɛpo mu! Na ebetie mo.

[7] Mo mu hena na ɔwɔ akoa a ofuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ofi afum ba ofie a, obese no sɛ: Bɛsen ntɛm kɔtena adidii?

[8] Na ɔrense no sɛ: Siesie nea medi, na bɔ abɔso bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom?

[9] Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ nea wɔahyɛ no no?

[10] Saa ara na mo nso sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

[11] Na ɛbae sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea.

[12] Na ɔrekɔ akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafo hyiaa no a wogyinagyina akyirikyiri,

[13] na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ!

[14] Na ohuu wɔn no, osee wɔn sɛ: Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo. Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, wɔn ho fii.

[15] Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ,

[16] na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani.

[17] Na Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fii? Na baakron no de, wɔwɔ he?

[18] Wɔanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?

[19] Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo.

[20] Na Farisifo no bisaa no sɛ da bɛn na Onyankopɔn ahenni bɛba no, obuaa wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae,

[21] nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ.

[22] Na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mubehu Onipa Ba no nna no mu biako, na morenhu.

[23] Na wobese mo sɛ: Hwɛ ha! Anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso munnni wɔn akyi!

[24] Na sɛnea anyinam a ɛpa tew ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu.

[25] Nanso etwa sɛ ohu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa.

[26] Na sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna mu.

[27] Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.

[28] Sɛ nso ɛyɛe Lot nna mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔsisii adan.

[29] Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.

[30] Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a onipa Ba no beyi ne ho adi no.

[31] Da no ara, nea ɔwɔ ɔdan atifi na ne biribi wɔ ɔdan mu no, mma onnsian mmmɛfa; na nea ɔwɔ afuw mu no nso, mma ɔnnsan n’akyi.

[32] Monkae Lot yere no!

[33] Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ogye ne kra no, ebefi ne nsa, na obiara a ne kra befi ne nsa no wobegye no nkwa.

[34] Mise mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa koro so; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako.

[35] Mmea baanu bɛbom ayam awi; wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako.

[36] [Mmarima baanu bɛtena afum; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako.]

[37] Na wobua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na osee wɔn sɛ: Nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters