Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:44

[1] Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no.

[2] Na Yudafo Asesebɔ afahyɛ no abɛn.

[3] Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no.

[4] Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no bagua mu. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

[5] Na ne nuanom po annye no anni.

[6] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa.

[7] Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.

[8] Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnui.

[9] Na osee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea.

[10] Na ne nuanom kɔe no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase; wanyi ne ho adi, na mmom ohintawee.

[11] Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he?

[12] Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom.

[13] Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

[14] Na afahyɛ no mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefi kɔkyerɛkyerɛe.

[15] Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?

[16] Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.

[17] Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.

[18] Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.

[19] Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me akum me?

[20] Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo?

[21] Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma biako, na eyi nti na ɛyɛ mo nyinaa nwonwa.

[22] Mose maa mo twetiatwa, (ɛnyɛ sɛ efi Mose, na efi agyanom) nanso homeda mutwa onipa twetia.

[23] Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?

[24] Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ!

[25] Ɛnna Yerusalemfo no mu bi kae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no?

[26] Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sesɛɛ mpanyimfo ahu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa?

[27] Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi.

[28] Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefi no, ɔteɛɛm sɛ: Munim me, nso munim nea mifi. Na ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo a munnim no.

[29] Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.

[30] Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.

[31] Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?

[32] Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wɔ ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no.

[33] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.

[34] Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.

[35] Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo?

[36] Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.

[37] Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu

[38] Sɛnea kyerɛwsɛm no kae no: Nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam.

[39] Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.

[40] Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa!

[41] Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na ebinom nso bisae sɛ: Kristo no befi Galilea anaa?

[42] Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?

[43] Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuw no mu.

[44] Na wɔn mu binom pɛe sɛ wɔkyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.

[45] Ɛnna asomfo no baa asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: Dɛn nti na moamfa no amma?

[46] Asomfo no buae sɛ: Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.

[47] Ɛnna Farisifo no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso?

[48] Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?

[49] Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn!

[50] Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi na ɔyɛ wɔn mu biako no see wɔn sɛ:

[51] Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa?

[52] Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.

[53] (Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afi mu mmiako mmiako.)

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters