[1] Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a onyan no fii awufo mu no wɔ hɔ.
[2] Ɛnna wɔtow no pon wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro de, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidii no mu biako.
[3] Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma.
[4] Ɛnna n’asuafo no mu biako, Yuda Iskariot (a ɔrebeyi no ama no,) kae sɛ:
[5] Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo?
[6] Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.
[7] Ɛnna Yesu kae sɛ: Munnyaa no, na ɔde eyi asie ama me sie da.
[8] Na ahiafo de, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me de, munni me daa.
[9] Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia.
[10] Na asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso,
[11] efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii.
[12] Ade kyee no, nkurɔfokuw pii a wɔbaa afahyɛ no ase tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,
[13] wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!
[14] Na Yesu huu afurum ba bi no, ɔtenaa no so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
[15] Nsuro, Sion babea; hwɛ, wo hene reba, ɔte afurum ba so.
[16] Nso n’asuafo no ante eyinom ase kan no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu anuonyam akyi no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔakyerɛw eyinom ne ho, na wɔayɛ ama no.
[17] Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.
[18] Eyi nti nso na nkurɔfokuw no kohyiaa no, efisɛ wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne no.
[19] Ɛnna Farisifo no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n’akyi.
[20] Na Helafo bi wɔ wɔn a wɔbae sɛ wɔbɛsɔre afahyɛ no ase no mu;
[21] ɛnna eyinom baa Filipo a ofi Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛsrɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.
[22] Filipo bae bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu.
[23] Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.
[24] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii.
[25] Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.
[26] Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni.
[27] Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.
[28] Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!
[29] Ɛnna nkurɔfokuw a wogyina hɔ na wɔtee no kae sɛ: Ɔprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfo ne no kasae.
[30] Yesu bua kae sɛ: Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi bae, na mo nti.
[31] Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.
[32] Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.
[33] Eyi de, ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu.
[34] Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi?
[35] Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.
[36] Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa eyinom, na ofii wɔn anim hɔ kohintawee.
[37] Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso wɔannye no anni,
[38] na Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae no aba mu sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn kaseɛ adi, na hena na woyii Awurade basa kyerɛɛ no?
[39] Eyi nti wɔantumi annye anni, sɛnea Yesaia kae bio sɛ:
[40] Wafura wɔn ani na wapirim wɔn koma, na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho na mansa wɔn yare.
[41] Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae.
[42] Nanso mpanyimfo no mu pii nso gyee no dii; na Farisifo no nti wɔanka, na wɔantutu wɔn amfi hyiadan mu;
[43] efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.
[44] Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no;
[45] na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no.
[46] Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antena sum mu.
[47] Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase.
[48] Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ nea obu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no mu;
[49] efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.
[50] Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.