Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:47

[1] Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano.

[2] Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.

[3] Ɛnna Petro ne osuani biako no fii adi baa ɔda no ho.

[4] Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani biako no yɛɛ ntɛm twaa Petro ho, na okoduu ɔda no ho kan.

[5] Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ egu hɔ de, nanso wankɔ mu.

[6] Ɛnna Simon Petro dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɔda no mu, na ohuu nwera no sɛ egu hɔ no

[7] ne dukuu a wɔde bɔɔ ne ti nanso engu nwera no ho, na mmom wɔabobɔw ɛno nkutoo da baabi.

[8] Ɛno na afei osuani biako a oduu ɔda no ho kan no nso hyɛn mu, na ohui, na ogye dii.

[9] Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ.

[10] Ɛnna asuafo no san baa wɔn fi bio.

[11] Na Maria de, na ogyina ɔboda no ho resu. Ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔda no mu,

[12] na ohuu abɔfo baanu a wɔhyɛ ntade fitaa sɛ wɔtete hɔ, obiako te atifi, na obiako te anafo, faako a Yesu amu dae hɔ.

[13] Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim faako a wɔde no akɔto ntia.

[14] Na ɔkaa saa no, ɔdan ne ho hwɛɛ n’akyi, na ohuu Yesu sɛ ogyina hɔ, na onnim sɛ ɛyɛ Yesu.

[15] Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no!

[16] Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).

[17] Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.

[18] Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafo no sɛ Mahu Awurade na ɔno na ɔkaa eyinom kyerɛɛ me.

[19] Ɛnna da a edi nnawɔtwe kan no ara, eduu anwummere na Yudafo ho hu nti wɔatoto apon mu faako a asuafo no ahyia hɔ no, Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo!

[20] Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Na asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei.

[21] Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.

[22] Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron!

[23] Wɔn a mode wɔn bɔne akyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama atena hɔ.

[24] Na Toma, dumien no mu biako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu bae.

[25] Ɛnna asuafo no see no sɛ: Yɛahu Awurade. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhu ne nsam nnadewa no anan mu, na mamfa me nsatea manka nnadewa no anan mu, na mamfa me nsa manka ne nnadewa no anan mu a, minnye minni.

[26] Na ɛno akyi nnawɔtwe, n’asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso apon no mu atoto, na obegyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: Asomdwoe nka mo!

[27] Ɛnna afei osee Toma sɛ: Fa wo nsatea bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di!

[28] Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!

[29] Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adi. Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di.

[30] Na afei, nsɛnkyerɛnne pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛe asuafo no anim a wɔankyerɛw nhoma yi mu.

[31] Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters